Dwom 22:22 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 22 Mɛbɔ wo din+ akyerɛ me nuanom;+Mɛyi wo ayɛ asafo mfimfini.+ Yohane 10:29 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 29 Deɛ m’Agya+ de ama me no sõ sene ade foforɔ biara,+ na obiara rentumi nhwim mfiri Agya no nsam.+ Asomafoɔ Nnwuma 15:14 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 14 Simeon+ akyerɛkyerɛ mu fann sɛdeɛ Onyankopɔn danee n’ani baa amanaman no so deɛ ɛdi kan yii nnipa bi firii wɔn mu maa ne din no.+ Hebrifoɔ 2:12 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 12 enti ɔka sɛ: “Mɛbɔ wo din akyerɛ me nuanom; mede nnwontoɔ bɛyi wo ayɛ wɔ asafo mfimfini.”+
14 Simeon+ akyerɛkyerɛ mu fann sɛdeɛ Onyankopɔn danee n’ani baa amanaman no so deɛ ɛdi kan yii nnipa bi firii wɔn mu maa ne din no.+