1 Samuel 28:7 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 7 Ɛnna Saul ka kyerɛɛ ne nkoa sɛ: “Monkɔhwehwɛ kɔmfobaa bi mma me,+ na menkɔ ne hɔ abisa.” Na ne nkoa no ka kyerɛɛ no sɛ: “Hwɛ, kɔmfobaa bi wɔ En-Dor.”+ Leviticus 19:31 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 31 “‘Monnkɔ adebisafoɔ+ anaa asumanfoɔ+ nkyɛn mmfa wɔn nngu mo ho fĩ. Mene Yehowa mo Nyankopɔn. Leviticus 20:6 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 6 “‘Ɔkra biara a ɔbɛfiri m’akyi ne adebisafoɔ+ anaa asumanfoɔ+ akɔbɔ adwaman no, mɛma m’ani asã ɔkra a ɔte saa no na matwa no afiri ne man mu.+
7 Ɛnna Saul ka kyerɛɛ ne nkoa sɛ: “Monkɔhwehwɛ kɔmfobaa bi mma me,+ na menkɔ ne hɔ abisa.” Na ne nkoa no ka kyerɛɛ no sɛ: “Hwɛ, kɔmfobaa bi wɔ En-Dor.”+
6 “‘Ɔkra biara a ɔbɛfiri m’akyi ne adebisafoɔ+ anaa asumanfoɔ+ akɔbɔ adwaman no, mɛma m’ani asã ɔkra a ɔte saa no na matwa no afiri ne man mu.+