Deuteronomium 6:4 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 4 “O Israel, tie: Yehowa yɛn Nyankopɔn yɛ Yehowa koro.+ Marko 12:29 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 29 Yesu buaa sɛ: “Deɛ ɛdi kan ne sɛ, ‘O Israel tie, Yehowa yɛn Nyankopɔn yɛ Yehowa koro,+ 1 Korintofoɔ 8:6 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 6 nanso yɛn deɛ, Onyankopɔn baako+ na yɛwɔ, Agya+ no a nneɛma nyinaa firi ne mu, na yɛwɔ hɔ ma no+ no; na Awurade baako+ na ɔwɔ hɔ, Yesu Kristo,+ a ɛnam ne so na nneɛma nyinaa wɔ hɔ,+ na yɛnam ne so wɔ hɔ no. Efesofoɔ 4:6 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 6 Onyankopɔn baako+ ne obiara Agya a ɔdi obiara so na ɔfa obiara so na ɔwɔ obiara mu no. 1 Timoteo 2:5 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 5 Na Onyankopɔn koro+ na ɔwɔ hɔ, ne Onyankopɔn+ ne nnipa+ ntamgyinafoɔ+ koro, onipa Kristo Yesu+
6 nanso yɛn deɛ, Onyankopɔn baako+ na yɛwɔ, Agya+ no a nneɛma nyinaa firi ne mu, na yɛwɔ hɔ ma no+ no; na Awurade baako+ na ɔwɔ hɔ, Yesu Kristo,+ a ɛnam ne so na nneɛma nyinaa wɔ hɔ,+ na yɛnam ne so wɔ hɔ no.