5 Ɛnyɛ wo tenenee+ anaa w’akomam a ɛteɛ+ nti na worekɔfa wɔn asase no, mmom aman no amumuyɔ nti na Yehowa wo Nyankopɔn repamo wɔn afiri w’anim yi,+ na ama ntam a Yehowa kaa w’agyanom Abraham+ ne Isak+ ne Yakob+ no aba mu.
18 O me Nyankopɔn, yɛ aso tie.+ Bue w’ani na hwɛ yɛn amamfoyɛ ne kuro a wo din da soɔ no.+ Ɛnyɛ yɛn tenenee nnwuma nti na yɛde yɛn nkotɔsrɛ aba w’anim yi,+ na mmom wo mmɔborɔhunu+ bebrebe no ntira.