Mateo 17:5 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 5 Na ɔgu so rekasa no, hwɛ! mununkum hyɛnhyɛn bi bɛkataa wɔn so, na hwɛ! ɛnne bi firi mununkum no mu baa sɛ: “Oyi ne me Ba, deɛ medɔ no a megye no tom;+ montie no.”+ Yohane 3:17 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 17 Na Onyankopɔn ansoma ne Ba no amma wiase sɛ ɔmmɛbu wiase atɛn,+ na mmom sɛ wɔmfa ne so nnye wiase nkwa.+ Yohane 13:34 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 34 Mede ahyɛdeɛ foforɔ rema mo, sɛ monnodɔ mo ho; sɛdeɛ medɔ mo no,+ mo nso monnodɔ mo ho saa ara.+
5 Na ɔgu so rekasa no, hwɛ! mununkum hyɛnhyɛn bi bɛkataa wɔn so, na hwɛ! ɛnne bi firi mununkum no mu baa sɛ: “Oyi ne me Ba, deɛ medɔ no a megye no tom;+ montie no.”+
17 Na Onyankopɔn ansoma ne Ba no amma wiase sɛ ɔmmɛbu wiase atɛn,+ na mmom sɛ wɔmfa ne so nnye wiase nkwa.+