Dwom 2:7 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 7 Ma menka Yehowa mmara;Waka akyerɛ me sɛ: “Woyɛ me ba;+Me na ɛnnɛ mayɛ w’agya.+ Yesaia 42:1 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 42 Hwɛ! M’akoa+ a mekura ne mu dendeenden!+ Deɛ mayi no+ a me kra agye no atom!+ Mede me honhom ahyɛ ne mu,+ na ɔde atɛntenenee bɛbrɛ amanaman no.+ Mateo 3:17 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 17 Afei hwɛ! Nne+ bi firi soro kaa sɛ: “Oyi ne me Ba,+ deɛ medɔ no+ na magye no atom.”+ Luka 9:35 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 35 Na nne+ bi firi mununkum no mu baa sɛ: “Oyi ne me Ba, deɛ wɔayi no no.+ Montie no.”+
42 Hwɛ! M’akoa+ a mekura ne mu dendeenden!+ Deɛ mayi no+ a me kra agye no atom!+ Mede me honhom ahyɛ ne mu,+ na ɔde atɛntenenee bɛbrɛ amanaman no.+