Luka
1 Ɛsiane sɛ nnipa bebree abɔ mmɔden sɛ wɔbɛhyehyɛ nokwasɛm+ ahodoɔ a yɛagye atom, 2 sɛdeɛ yɛnya firii adansefoɔ+ a wɔde wɔn ani hunuiɛ ne wɔn a wɔsom asɛmpa+ no ho firi mfitiaseɛ+ no hɔ nti, 3 me nso mabɔ me tirim saa, ɛfiri sɛ mahwehwɛ nneɛma no nyinaa mu pɛpɛɛpɛ afiri mfitiaseɛ, sɛ mɛtwerɛ no nnidisoɔ nnidisoɔ+ abrɛ wo, onimuonyamfoɔ+ Teofilo,+ 4 na ama woahunu nsɛm a wɔde akyerɛkyerɛ woɔ no mu nokorɛ.+
5 Yudea hene Herode nna no mu no,+ na ɔsɔfoɔ bi wɔ hɔ a wɔfrɛ no Sakaria a ɔfiri Abia+ asɔfokuo no mu, na ne yere yɛ Aaron+ mma mmaa no baako a ne din de Elisabet. 6 Ná wɔn mmienu nyinaa tene+ Onyankopɔn anim ɛfiri sɛ wɔnantee Yehowa mmara+ ne n’atemmudeɛ+ nyinaa mu pɛpɛɛpɛ a asɛm biara nni ho.+ 7 Nanso na wɔnni ba, ɛfiri sɛ na Elisabet yɛ obonini,+ na wɔn mmienu nyinaa mfeɛ kɔ animu.
8 Berɛ a ɛduruu ne kuo+ so a ɔreyɛ n’asɔfodwuma wɔ Onyankopɔn anim, 9 sɛdeɛ asɔfodwuma ho amanneɛ teɛ no, na aduru ne so sɛ ɔkɔ Yehowa kronkronbea+ hɔ kɔhye aduhwam;+ 10 dɔn a na ɔrehye aduhwam no mu no, na nnipadɔm no nyinaa wɔ adihɔ rebɔ mpaeɛ.+ 11 Yehowa bɔfoɔ yii ne ho adi kyerɛɛ no, bɛgyinaa aduhwam afɔrebukyia no nifa.+ 12 Sakaria hunuu no no, ne ho yeraa no na ehu kaa no.+ 13 Nanso ɔbɔfoɔ no see no sɛ: “Nsuro, Sakaria, ɛfiri sɛ wɔatie w’adesrɛ,+ na wo yere Elisabet bɛwo ɔbabarima ama wo, na ɛsɛ sɛ woto ne din Yohane.+ 14 W’ani bɛgye na wo ho asan wo yie, na nnipa pii bɛdi n’awoɔ ho ahurisie;+ 15 ɛfiri sɛ ɔbɛyɛ kɛseɛ Yehowa anim.+ Nanso ɛnsɛ sɛ ɔnom bobesa ne nsãden biara,+ na honhom kronkron bɛyɛ no mã firi ne maame yafunu mu pɛɛ;+ 16 na ɔbɛdane Israel mma pii asan aba Yehowa+ wɔn Nyankopɔn nkyɛn. 17 Afei nso, ɔde Elia+ honhom ne ne tumi bɛdi n’anim, de adane agyanom akoma+ aba mma so ne asoɔdenfoɔ aba ateneneefoɔ nyansa ho, asiesie nkurɔfoɔ+ bi ama Yehowa.”+
18 Ɛnna Sakaria bisaa ɔbɔfoɔ no sɛ: “Ɛdeɛn na ɛbɛma matumi agye yei adie? Ɛfiri sɛ mabɔ akora+ na me yere nso mfeɛ kɔ animu.” 19 Ɔbɔfoɔ no buaa no sɛ: “Mene Gabriel,+ deɛ ɔgyina Onyankopɔn anim, na wasoma me sɛ me ne wo mmɛkasa+ na menka nneɛma yi ho asɛmpa nkyerɛ wo. 20 Hwɛ! wobɛtɔre mum,+ worentumi nkasa de bɛkɔ akɔsi da a yeinom bɛba mu, ɛfiri sɛ woannye me nsɛm a ɛbɛba mu wɔ berɛ a wɔahyɛ mu no anni.” 21 Saa berɛ no nyinaa na nkurɔfoɔ no retwɛn Sakaria,+ na ɛyɛɛ wɔn nwanwa sɛ wakyɛ wɔ kronkronbea hɔ saa. 22 Nanso ɔbaeɛ no wantumi ne wɔn ankasa, na wɔhunuu sɛ wakɔhunu n’ani so adeɛ+ wɔ kronkronbea hɔ, na ɔyɛɛ nsɛnkyerɛnne kyerɛɛ wɔn, na wantumi ankasa. 23 Afei ɛbaa sɛ nna a ɔde resom no baa awieeɛ no,+ ɔfirii hɔ kɔɔ ne fie.
24 Nna yi akyi no, ne yere Elisabet nyinsɛneeɛ;+ na ɔde ne ho siee abosome nnum, na ɔkaa sɛ: 25 “Yei ne kwan a Yehowa afa so ne me adi no nna a wabɛhwɛ me sɛ ɔbɛyi m’ahohora wɔ nnipa anim afiri hɔ no mu.”+
26 N’abosome nsia soɔ no Onyankopɔn somaa ɔbɔfoɔ Gabriel+ kɔɔ Galilea kuro a wɔfrɛ no Nasaret mu, 27 ɔbaabunu bi a wɔde no ama ɔbarima bi a wɔfrɛ no Yosef a ɔfiri Dawid fie awareɛ no nkyɛn; na ɔbaabunu+ no din de Maria.+ 28 Ɔkɔɔ ne nkyɛn no, ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Asomdwoeɛ nka wo,+ wo a wɔadom woɔ, Yehowa+ ka wo ho.”+ 29 Na asɛm no haa no yie na ɔdwendwenee ho sɛ: “Nkyea bɛn nie?” 30 Enti ɔbɔfoɔ no ka kyerɛɛ no sɛ: “Nsuro, Maria, na woanya Onyankopɔn anim adom;+ 31 na hwɛ! wobɛfa yafunu na woawo ɔbabarima,+ na ɛsɛ sɛ woto ne din Yesu.+ 32 Ɔbɛyɛ kɛseɛ+ na wɔbɛfrɛ no Ɔsorosoroni no Ba;+ na Yehowa Nyankopɔn de n’agya Dawid+ ahennwa+ bɛma no, 33 na ɔbɛdi Yakob fie so hene afebɔɔ, na n’ahennie remma awieeɛ.”+
34 Maria ka kyerɛɛ ɔbɔfoɔ no sɛ: “Ɛbɛyɛ dɛn na yei ayɛ yie berɛ a me ne ɔbarima nnaeɛ?”+ 35 Ɛnna ɔbɔfoɔ no bua see no sɛ: “Honhom kronkron+ bɛba wo so, na Ɔsorosoroni no tumi bɛkata wo so. Ɛno nso nti na wɔbɛfrɛ deɛ wobɛwo no no kronkron,+ Onyankopɔn Ba.+ 36 Hwɛ! wo busuani Elisabet nso anyinsɛn ɔbabarima wɔ ne mmerewaberɛ mu, na yei ne deɛ wɔfrɛ no obonini no bosome a ɛtɔ so nsia;+ 37 ɛfiri sɛ Onyankopɔn fam deɛ, asɛm biara nni hɔ a ɛrentumi mma mu.”+ 38 Ɛnna Maria kaa sɛ: “Hwɛ! meyɛ Yehowa afenaa!+ Ɛnyɛ hɔ mma me sɛdeɛ w’asɛm teɛ.” Na ɔbɔfoɔ no firii ne nkyɛn kɔeɛ.
39 Enti Maria sɔree saa nna no mu de ahoɔherɛ kɔɔ Yuda kuro bi a ɛda bepɔ soɔ mu, 40 na ɔkɔɔ Sakaria fie na ɔkyeaa Elisabet. 41 Elisabet tee Maria nkyea no ara pɛ, akɔkoaa a ɔhyɛ ne yafunu mu no huriiɛ; na honhom kronkron hyɛɛ Elisabet mã, 42 na ɔde nne kɛseɛ teaam sɛ: “Wɔahyira wo mmaa mu, na wɔahyira+ wo yafunu mu aba! 43 Ɛyɛɛ dɛn na me nsa aka hokwan sei, sɛ me Wura+ maame aba me nkyɛn yi? 44 Hwɛ! wo nkyea twaa m’asom ara pɛ na akɔkoaa a ɔhyɛ me yafunu mu no de anigyeɛ kɛseɛ huriiɛ.+ 45 Anigyeɛ nso ne deɛ wagye adie, ɛfiri sɛ deɛ ɛfiri Yehowa hɔ a waka akyerɛ no+ biara bɛyɛ hɔ.”+
46 Maria kaa sɛ: “Me kra kamfo Yehowa,+ 47 na m’Agyenkwa Nyankopɔn+ ho na me honhom di ahurisie;+ 48 ɛfiri sɛ wahwɛ n’afenaa hianiwaa.+ Hwɛ! ɛfiri nnɛ, awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa bɛbu me sɛ mewɔ anigyeɛ;+ 49 ɛfiri sɛ Deɛ ɔwɔ tumi no ayɛ ade kɛseɛ ama me, na kronkron ne ne din;+ 50 ɛfiri awoɔ ntoatoasoɔ so kɔsi awoɔ ntoatoasoɔ soɔ no, ɔhu wɔn a wɔsuro no no mmɔbɔ.+ 51 Ɔde ne basa ayɛ ahoɔdenneɛ,+ wabɔ wɔn a wɔdi ahantansɛm wɔn akoma mu apansam.+ 52 Watu atumfoɔ+ afiri nhennwa so na wama mmɔborɔfoɔ so;+ 53 wama nnepa amee wɔn a ɛkɔm de wɔn+ na wama wɔn a wɔwɔ ahodeɛ de nsapan kɔ.+ 54 Wabɛhwɛ n’akoa Israel,+ na wakae ne mmɔborɔhunu+ 55 daa sɛdeɛ ɔka kyerɛɛ yɛn agyanom, Abraham ne n’aseni no.”+ 56 Na Maria tenaa ne nkyɛn bɛyɛ abosome mmiɛnsa, na ɔsan kɔɔ ne fie.
57 Na Elisabet awoɔ duruu so, na ɔwoo ɔbabarima. 58 Na mpɔtamu hɔfoɔ ne n’abusuafoɔ tee sɛ Yehowa mmɔborɔhunu+ adɔɔso ne so no, wɔne no dii ahurisie.+ 59 Da a ɛtɔ so nwɔtwe no wɔbaa sɛ wɔrebɛtwa abɔfra kumaa no twetia,+ na anka wɔde no reto ne papa Sakaria. 60 Nanso ne maame buaa sɛ: “Dabi! mmom wɔbɛfrɛ no Yohane.” 61 Ɛnna wɔka kyerɛɛ no sɛ: “Obiara nni w’abusua mu a ne din de saa.” 62 Enti wɔde nsɛnkyerɛnne bisaa ne papa sɛdeɛ ɔpɛ sɛ wɔfrɛ no. 63 Ɛnna ɔgyee ɛboɔpono twerɛɛ so sɛ: “Ne din de Yohane.”+ Na ɛyɛɛ wɔn nyinaa nwanwa. 64 Mpofirem ara n’ano bueeɛ+ na ne kɛtrɛma saneeɛ na ɔfirii aseɛ kasa hyiraa Onyankopɔn. 65 Ehu kaa wɔn a wɔte mpɔtamu hɔ nyinaa; na wɔfirii aseɛ kaa yeinom nyinaa ho asɛm wɔ Yudea mmepɔ so nkuro nyinaa mu, 66 na wɔn a wɔteeɛ nyinaa de siee wɔn akoma mu,+ na wɔkaa sɛ: “Ɛdeɛn koraa na abɔfra kumaa yi bɛyɛ?” Ɛfiri sɛ na Yehowa nsa+ wɔ ne so ampa.
67 Na honhom kronkron+ hyɛɛ ne papa Sakaria mã, na ɔhyɛɛ nkɔm+ sɛ: 68 “Nhyira nka Yehowa, Israel Nyankopɔn,+ sɛ wama n’ani aba ne nkurɔfoɔ+ so na wagye+ wɔn. 69 Wama nkwagyeɛ abɛn+ so wɔ n’akoa Dawid fie ama yɛn, 70 sɛdeɛ ɔnam n’adiyifoɔ kronkron a wɔtenaa ase tete no ano so+ aka 71 sɛ ɔbɛgye yɛn afiri yɛn atamfo ne wɔn a wɔkyiri yɛn nyinaa nsam no;+ 72 wahu yɛn agyanom mmɔbɔ de akae n’apam kronkron,+ 73 ntam a ɔkaa yɛn agya Abraham+ 74 sɛ ɔnya gye yɛn firi atamfo nsam+ a, ɔbɛma yɛn hokwan de asom no a yɛrensuro+ 75 wɔ nokorɛdie pintinn ne tenenee mu n’anim, yɛn nkwa nna nyinaa no.+ 76 Na wo abɔfra kumaa yi, wɔbɛfrɛ wo Ɔsorosoroni no diyifoɔ, ɛfiri sɛ wobɛdi Yehowa anim akɔsiesie n’akwan,+ 77 na wama ne nkurɔfoɔ anya nkwagyeɛ a ɛnam wɔn bɔne fafirie+ so ba no ho nimdeɛ, 78 yɛn Nyankopɔn mmɔborɔhunu nti. Saa mmɔborɔhunu yi nti adekyeeɛ+ hann firi soro bɛpue yɛn so,+ 79 ama wɔn a wɔtete sum ne owuo sunsum+ ase no anya hann, agye yɛn taataa akɔ asomdwoeɛ kwan so.”
80 Na abɔfra kumaa no nyini+ yɛɛ den honhom mu, na ɔtenaa serɛ so kɔsii da a ɔyii ne ho adi kyerɛɛ Israel.