7 N’ahennie+ mu bɛtrɛ na asomdwoeɛ a ɛnni awieeɛ+ bɛba Dawid ahennwa+ so ne n’ahennie so, na ɔde atɛntenenee+ ne tenenee+ bɛwowa+ n’ahennie ama no atim firi sɛsɛɛ akɔsi daa. Asafo Yehowa nnamyɛ na ɛbɛyɛ yei.+
5 “Hwɛ, nna bi reba,” Yehowa asɛm nie, “na mɛma tenenee duforɔ bi so ama Dawid.+ Ɔhene bi bɛdi hene,+ na ɔde nyansa bɛyɛ adeɛ na wabu atɛntenenee ayɛ adetenenee asase no so.+