115 Biribiara nyɛ yɛn dea, O Yehowa, biribiara nyɛ yɛn dea;+
Wo din na hyɛ no animuonyam+
Sɛdeɛ w’adɔeɛ ne wo nokorɛ teɛ.+
2 Adɛn nti na ɛsɛ sɛ amanaman no ka sɛ:+
“Wɔn Nyankopɔn no, ɛhe na ɔwɔ?”+
3 Yɛn Nyankopɔn wɔ ɔsoro;+
Deɛ ɛsɔ n’ani biara ɔyɛ.+
4 Wɔn ahoni yɛ dwetɛ ne sika,+
Ɔdasani nsa ano adwuma.+
5 Wɔwɔ ano, nanso wɔnkasa;+
Wɔwɔ ani, nanso wɔnhunu adeɛ;+
6 Wɔwɔ aso, nanso wɔnte asɛm.+
Wɔwɔ hwene, nanso wɔnte adeɛ hwa.+
7 Wɔwɔ nsa, nanso wɔmfa nsɔ adeɛ mu.+
Wɔwɔ nan, nanso wɔntumi nnante;+
Wɔmfa wɔn menewa nkasa.+
8 Wɔn a wɔyɛ wɔn no bɛyɛ sɛ wɔn ara,+
Wɔn a wɔde wɔn ho to wɔn soɔ no nyinaa.+
9 O Israel, momfa mo ho nto Yehowa so;+
Ɔno ne mo boafoɔ ne mo kyɛm.+
10 O Aaron fie, momfa mo ho nto Yehowa so;+
Ɔno ne mo boafoɔ ne mo kyɛm.+
11 Mo a mosuro Yehowa, momfa mo ho nto Yehowa so;+
Ɔno ne mo boafoɔ ne mo kyɛm.+
12 Yehowa akae yɛn; ɔbɛhyira yɛn,+
Ɔbɛhyira Israel fie,+
Na ɔbɛhyira Aaron fie.+
13 Ɔbɛhyira wɔn a wɔsuro Yehowa,+
Nketewa ne akɛseɛ nyinaa.+
14 Yehowa bɛma mo adɔɔso,+
Mo ne mo mma nyinaa.+
15 Mone wɔn a Yehowa ahyira mo;+
Ɔno ne ɔsoro ne asase Yɛfoɔ.+
16 Ɔsoro yɛ Yehowa soro,+
Na asase deɛ, ɔde ama nnipa mma.+
17 Ɛnyɛ awufoɔ na wɔyi Yah ayɛ,+
Anaa wɔn a wɔkɔhyɛ fam komm no.+
18 Yɛn na yɛbɛhyira Yah+
Nnɛ akɔsi mmerɛsanten.+
Monyi Yah ayɛ!+