Romafoɔ
14 Monnye deɛ ne gyidie yɛ mmerɛ+ no, na mommmu atɛn wɔ adwenem naayɛ+ ho. 2 Obi wɔ gyidie sɛ ɔtumi di biribiara,+ nanso deɛ ɔyɛ mmerɛ no deɛ, ɔdi nhahamma. 3 Mma deɛ ɔdie no mmmu deɛ ɔnnie no animtia,+ na mma deɛ ɔnnie no mmmu deɛ ɔdie no atɛn, ɛfiri sɛ Onyankopɔn agye saa nipa no. 4 Hwan ne wo a wobu obi fie somfoɔ atɛn?+ Ɔno ara ne wura anim na ɔgyina anaasɛ ɔhwe aseɛ.+ Nokorɛm no, wɔbɛma no agyina, ɛfiri sɛ Yehowa bɛtumi ama no agyina.+
5 Obi bu da bi sene bi;+ ɔfoforɔ nso bu nna nyinaa pɛ;+ momma obiara adwene nsi no pi. 6 Deɛ ɔdi da bi no di ma Yehowa. Deɛ ɔdidie no nso didi ma Yehowa,+ ɛfiri sɛ ɔde aseda ma Onyankopɔn;+ na deɛ ɔnnidie no, ɔnnidi de ma Yehowa,+ nanso ɔda Onyankopɔn ase.+ 7 Nokorɛm no, yɛn mu biara nte ase mma ɔno nko ara ho,+ na obiara nso nwu mma ɔno nko ara ho; 8 na sɛ yɛte ase a, yɛte ase ma Yehowa,+ na sɛ yɛwu nso a, yɛwu ma Yehowa.+ Enti sɛ yɛte ase oo, yɛwu oo, yɛyɛ Yehowa dea.+ 9 Na yei nti na Kristo wuiɛ na ɔbaa nkwa mu bio,+ sɛ ɔbɛyɛ awufoɔ+ ne ateasefoɔ Wura.+
10 Na adɛn nti na wobu wo nua atɛn?+ Anaasɛ adɛn nti na wo nso wobu wo nua animtia? Na yɛn nyinaa bɛgyina Onyankopɔn atemmuo+ adwa no anim; 11 ɛfiri sɛ wɔatwerɛ sɛ: “‘Mete aseɛ yi,’ Yehowa na ɔseɛ,+ ‘me na nkotodwe nyinaa bɛkoto me, na kɛtrɛma nyinaa akamfo Onyankopɔn.’”+ 12 Enti afei yɛn mu biara bɛbu ɔno ara n’akonta akyerɛ Onyankopɔn.+
13 Enti mommma yɛmmmubu yɛn ho yɛn ho atɛn+ bio, na mmom momfa yei nyɛ mo botaeɛ,+ sɛ moremfa suntidua+ anaa akwansideɛ nto onua+ biara anim. 14 Menim na mabɛgye adi Awurade Yesu mu sɛ biribiara nni hɔ a ɛho nteɛ ankasa;+ sɛ obi bu biribi sɛ ɛho nte a, ɛnneɛ na ɛho nte mma no.+ 15 Na sɛ aduane nti wo nua redi awerɛhoɔ a, ɛnneɛ na wonnam ɔdɔ kwan so bio.+ Mfa w’aduane nsɛe deɛ Kristo wu maa no no.+ 16 Enti mommma wɔnnka papa a moyɛ no ho nsɛmmɔne. 17 Na Onyankopɔn ahennie+ nyɛ adidie ne ɔnom,+ na mmom ɛyɛ tenenee+ ne asomdwoeɛ+ ne anigyeɛ+ a ɛnam honhom kronkron soɔ. 18 Na deɛ ɔsom Kristo wɔ yei mu no sɔ Onyankopɔn ani, na nnipa nso gye no tom.+
19 Enti afei momma yɛnni nneɛma a ɛde asomdwoeɛ+ ba, ne nneɛma a ɛhyɛ yɛn den+ akyi. 20 Monnyae sɛ aduane nti mobɛsɛe Onyankopɔn adwuma.+ Ɛwom, adeɛ nyinaa ho te, nanso ɛyɛ bɔne ma onipa sɛ ɔdie, berɛ a ɛbɛtumi ato suntidua.+ 21 Ɛyɛ sɛ wonni nam, anaasɛ wonnom nsa anaasɛ wonyɛ biribiara a ɛbɛto wo nua suntidua.+ 22 Gyidie a wowɔ no, ma no nhyɛ wo ara wo mu Onyankopɔn anim.+ Anigyeɛ ne onipa a ɔmma deɛ wasi ho gyinaeɛ mmu no atɛn. 23 Na sɛ n’adwenem yɛ no nãã na sɛ ɔdi a, wadi fɔ dada,+ ɛfiri sɛ ɛmfiri gyidie mu na ɔdie. Nokorɛm no, biribiara a ɛmfiri gyidie mu no yɛ bɔne.+