1 Samuel
16 Akyire yi, Yehowa ka kyerɛɛ Samuel sɛ: “Wobɛdi Saul ho awerɛhoɔ akɔsi da bɛn,+ berɛ a mapo no sɛ ɔnnni Israel so hene no?+ Fa ngo+ gu w’abɛn mu na sim kɔ, na meresoma wo akɔ Betlehemni Yese+ nkyɛn, ɛfiri sɛ ne mma mu na mayi ɔhene.”+ 2 Ɛnna Samuel kaa sɛ: “Mɛyɛ dɛn akorɔ? Sɛ Saul te a, ɔbɛku me.”+ Na Yehowa ka kyerɛɛ no sɛ: “Fa nantwie ba na kɔ, na ka sɛ, ‘Maba sɛ merebɛbɔ afɔdeɛ ama Yehowa.’+ 3 Na frɛ Yese bra afɔrebɔ no ase, na me nso mɛkyerɛ wo deɛ yɛ,+ na woasra+ deɛ mɛkyerɛ woɔ no ama me.”
4 Ɛnna Samuel yɛɛ deɛ Yehowa kaeɛ no. Berɛ a ɔduruu Betlehem+ a kuro no mu mpanimfoɔ hunuu no no, wɔn ho popoeɛ,+ enti wɔbisaa sɛ: “Asomdwoeɛ so na wobaeɛ anaa?”+ 5 Ɛnna ɔkaa sɛ: “Asomdwoeɛ so. Afɔdeɛ a merebɛbɔ ama Yehowa nti na mebaeɛ. Monnwira+ mo ho na mo ne me nkɔ afɔrebɔ no ase.” Na ɔdwiraa Yese ne ne mma no, na ɔfrɛɛ wɔn baa afɔrebɔ no ase. 6 Berɛ a wɔbaeɛ a n’ani bɔɔ Eliab+ soɔ no, ɛhɔ ara na ɔkaa sɛ: “Ampa, deɛ Yehowa asra no no na ɔwɔ n’anim yi.” 7 Nanso Yehowa ka kyerɛɛ Samuel sɛ: “Nhwɛ sɛdeɛ ɔteɛ ne ne tenten ne ne kɛseɛ,+ na mempɛ no. Ɛnyɛ sɛdeɛ onipa hwɛ adeɛ na Onyankopɔn hwɛ,+ ɛfiri sɛ onipa dasani hwɛ deɛ ɛtua aniwa,+ na Yehowa deɛ, ɔhwɛ akomam.”+ 8 Na Yese frɛɛ Abinadab+ maa ɔbɛtwaam Samuel anim, nanso ɔkaa sɛ: “Oyi nso Yehowa nyii no.” 9 Afei Yese maa Samma+ nso bɛtwaam, nanso ɔkaa sɛ: “Oyi nso Yehowa nyii no.” 10 Enti Yese maa ne mma mmarima no mu nson bɛtwaam Samuel anim, nanso Samuel ka kyerɛɛ Yese sɛ: “Yehowa nyii yeinom biara.”
11 Ɛnna Samuel bisaa Yese sɛ: “Wo mma mmarima no nyinaa nie anaa?” Na ɔkaa sɛ: “Kumaa koraa no nni ha bi;+ ɔde nnwan kɔ adidi.”+ Ɛnna Samuel ka kyerɛɛ Yese sɛ: “Soma ma wɔnkɔfa no mmra, ɛfiri sɛ yɛrentena ase nnidi gye sɛ waba ansa.” 12 Enti ɔsoma kɔfaa no baeɛ. Ná ɔbere,+ na ɔyɛ aberanteɛ a n’animma yɛ fɛ na ne ho nso yɛ fɛ. Ɛnna Yehowa kaa sɛ: “Sɔre sra no, na ɔno ara nie!”+ 13 Enti Samuel faa abɛn a ngo+ wom no, na ɔsraa no ne nuanom mu. Na Yehowa honhom sii Dawid so ɛfiri saa da no rekorɔ.+ Akyire yi, Samuel sɔre siim kɔɔ Rama.+
14 Na Yehowa honhom firii Saul so,+ na Yehowa maa honhom bɔne+ bɛhaa no. 15 Na Saul nkoa ka kyerɛɛ no sɛ: “Hwɛ, Onyankopɔn ama honhom bɔne reha wo. 16 Yɛn wura, yɛsrɛ wo, ka ma wo nkoa a wɔwɔ w’anim yi nkɔhwehwɛ obi a ɔnim sankuo+ bɔ yie,+ na sɛ Onyankopɔn ma honhom bɔne no ba wo so a, ɔde ne nsa abɔ ama wo ho atɔ wo.” 17 Enti Saul ka kyerɛɛ ne nkoa no sɛ: “Monkɔhwehwɛ obi a ɔnim bɔ yie mma me, na momfa no mmrɛ me.”+
18 Na n’asomfoɔ no baako bɛkaa sɛ: “Hwɛ! Mahunu Betlehemni Yese ba bi a ɔnim bɔ yie;+ ɔyɛ ɔbarima kokoɔdurofoɔ a ne ho yɛ den+ ne ɔkofoɔ,+ ɔnim kasa,+ na ɔyɛ ɔbarima mũ,+ na Yehowa nso di n’akyi.”+ 19 Ɛnna Saul somaa abɔfoɔ kɔɔ Yese hɔ sɛ: “Ma wo ba Dawid a ɔhwɛ nnwan+ no mmra me nkyɛn.” 20 Enti Yese faa afunumu, paanoo ne kotokuo+ a bobesa wom ne abirekyie ba, na ɔde hyɛɛ ne ba Dawid nsa sɛ ɔmfa nkɔma Saul.+ 21 Na Dawid baa Saul nkyɛn bɛsom no;+ ɔpɛɛ n’asɛm yie, na ɔbɛyɛɛ n’akodeɛkurafoɔ.+ 22 Na Saul soma kɔɔ Yese hɔ sɛ: “Mesrɛ wo, ma Dawid ntoa so nsom me, na wanya m’anim adom.” 23 Enti sɛ ɛba sɛ Onyankopɔn ma honhom no ba Saul so a, na Dawid afa sankuo no de ne nsa abɔ, na Saul ho atɔ no ama n’asom adwo no, na honhom bɔne no afiri ne so.+