Mika
5 “O ɔbabaa a atamfo ato ahyɛ ne soɔ, twitwa wo ho akam,+ ɛfiri sɛ wɔatwa yɛn ho ahyia.+ Na wɔde abaa bɛhwe Israel temmufoɔ asom.+
2 “Na wo, Betlehem Efrata,+ wo a wosua koraa sɛ wɔbɛkan wo afra Yuda mpempem mu,+ wo mu+ na mɛma obi afiri abɛyɛ Israel sodifoɔ.+ Ɔno na n’ase firi tete a ɛnni ano.+
3 “Enti ɔbɛyi wɔn ama+ akɔsi sɛ deɛ awoɔ aka no no bɛwoɔ.+ Na ne nuanom a aka bɛsan abɛka Israelfoɔ ho.
4 “Na ɔbɛsɔre agyina de Yehowa ahoɔden+ ne Yehowa, ne Nyankopɔn din kɛseɛ no ayɛn wɔn.+ Wɔbɛtena hɔ dwoodwoo,+ na ne kɛseyɛ bɛduru asase ano.+ 5 Oyi bɛyɛ asomdwoeɛ.+ Na sɛ Asiria ba yɛn asase so bɛtiatia yɛn aban mu a,+ yɛbɛma nnwanhwɛfoɔ nson, adasamma mu aberempɔn nwɔtwe, ne no adi asie. 6 Na wɔde nkrantɛ bɛyɛn Asiria asase+ ne Nimrod asase+ wɔ n’apono ano. Na sɛ Asiria ba yɛn asase so na ne nan tia yɛn hyeɛ so a, ɔbɛgye yɛn afiri ne nsam.+
7 “Na Yakob nkaefoɔ+ no bɛyɛ aman bebree mu sɛ bosuo a ɛfiri Yehowa nkyɛn,+ te sɛ osuo a ɛpete gu nhahamma so+ a ɛmfa n’ani nto onipa so na ɛntwɛn ɔdasani.+ 8 Na aman bebree bɛhunu Yakob nkaefoɔ sɛ gyata wɔ kwaeɛ mu mmoa mu, te sɛ gyatanini wɔ nnwankuo mu. Ɔno na ɔba a, ɔtiatia wɔn so tete wɔn mu+ a ɔgyefoɔ biara nni hɔ. 9 Wobɛma wo nsa so wɔ w’atamfo so,+ na wɔn a wɔkyiri woɔ nyinaa ase bɛhye.”+
10 Yehowa aka sɛ, “Saa da no, mɛkunkum w’apɔnkɔ asɛe wo nteaseɛnam.+ 11 Mɛsɛe w’asase so nkuro na madwiri w’abandenden nyinaa agu.+ 12 Mɛtu asumansɛm afiri wo nsam na nkonyaayifoɔ biara rentena wo nkyɛn bio.+ 13 Mɛsɛe w’ahoni ne w’abosom adum nyinaa, na worenkoto wo nsa ano adwuma bio.+ 14 Mɛtutu w’abosonnua agu+ na masɛe wo nkuro. 15 Na mede anibereɛ ne abufuhyeɛ bɛtwe aman a wɔanyɛ setie no asõ.”+