2 Berɛsosɛm
28 Ahas+ bɛdii adeɛ no, na wadi mfeɛ aduonu, na ɔdii hene mfeɛ dunsia wɔ Yerusalem,+ nanso wanyɛ deɛ ɛtene Yehowa ani so sɛ ne nana Dawid.+ 2 Israel ahemfo akwan so na ɔfaeɛ,+ na ɔnanee dadeɛ+ de yeyɛɛ Baal+ ahoni nso. 3 Ɔhyee afɔrebɔdeɛ+ wɔ Hinom ba bɔn+ no mu, na ɔhyee ne mma+ wɔ gya mu nam so yɛɛ akyiwadeɛ+ a amanaman a Yehowa pamoo wɔn firii Israelfoɔ anim no yɛeɛ no bi.+ 4 Ɔbobɔɔ afɔdeɛ,+ na ɔhyehyee afɔrebɔdeɛ wɔ sorɔnsorɔmmea+ ne nkokoɔ+ so ne nnua kusuu+ nyinaa bi ase.
5 Ɛnna Yehowa, ne Nyankopɔn de no hyɛɛ Siria+ hene nsa+ maa no dii ne so nkonim, na ɔfaa nnipa bebree nnommum kɔɔ Damasko.+ Ɔde no hyɛɛ Israel hene nso nsa+ maa no de okunkɛseɛ kunkum ne nkurɔfoɔ. 6 Enti Remalia ba+ Peka+ kunkum mmarima akokoɔdurofoɔ a wɔn ho yɛ den mpem ɔha aduonu da koro wɔ Yuda, ɛfiri sɛ wɔgyaa Yehowa,+ wɔn agyanom Nyankopɔn no. 7 Afei nso Efraim+ dɔmmarima Sikri kuu ɔhene ba Maaseia ne ɔhene fiepanin Asrikam ne ɔhene abadiakyire Elkana. 8 Bio nso Israelfoɔ no faa wɔn nuanom mu mpem ahanu nnommum, mmaa, mma mmarima, ne mma mmaa; na wɔfom wɔn nneɛma pii de yɛɛ asadeɛ, na wɔde kɔɔ Samaria.+
9 Ná Yehowa diyifoɔ bi wɔ hɔ a wɔfrɛ no Oded. Ɔfirii adi kɔhyiaa asraafoɔ a wɔreba Samaria no, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Hwɛ! Mo agyanom Nyankopɔn bo fuu+ Yuda nti na ɔde wɔn hyɛɛ mo nsa maa mode abufuo+ a ɛduru soro+ kunkum wɔn no. 10 Afei mopɛ sɛ mode Yuda ne Yerusalemfoɔ yɛ mo nkoa+ ne mo mfenaa. Na mo nso, monyɛɛ bɔne ntiaa Yehowa mo Nyankopɔn anaa? 11 Afei montie me, na monsan mfa mo nuanom a moafa wɔn nnommum no nkɔ,+ ɛfiri sɛ Yehowa abufuhyeɛ wɔ mo so.”+
12 Ɛnna Efraim+ mma mu atitire+ bi, Yehohanan ba Asaria, Mesilemot ba Berekia, Salum ba Yehiskia, ne Hadlai ba Amasa sɔre kɔɔ wɔn a wɔfiri ɔsa reba no soɔ, 13 na wɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Mommfa nnommum no mmma ha, na ɛbɛma yɛayɛ bɔne atia Yehowa. Yɛn asodie dɔɔso dada,+ na morebɛyɛ ama yɛn bɔne ne yɛn asodie no bi abɛka ho, na abufuhyeɛ+ aba Israel so.” 14 Enti asraafoɔ+ no gyaa nnommum+ no ne asadeɛ no mpanimfoɔ+ ne asafo no nyinaa anim. 15 Ɛnna mmarima a wɔbobɔɔ wɔn din+ yiyii wɔn no sɔreeɛ, na wɔfaa nnommum no, na wɔn a wɔdeda adagya no, wɔde asadeɛ no bi hyehyɛɛ wɔn. Enti wɔhyehyɛɛ wɔn ntadeɛ+ ne mpaboa, na wɔmaa wɔn aduane+ ne deɛ wɔbɛnom,+ na wɔsraa wɔn. Afei nso, wɔn a wɔntumi nnanteɛ nyinaa, wɔde wɔn tenatenaa mfunumu so+ de wɔn baa wɔn nuanom nkyɛn wɔ Yeriko,+ mmɛ kuro+ no mu. Ɛno akyi no, wɔsan wɔn akyi kɔɔ Samaria.+
16 Saa berɛ no, Ɔhene Ahas+ soma kɔɔ Asiria ahemfo+ nkyɛn sɛ wɔmmɛboa no. 17 Ɛnna Edomfoɔ+ nso baeɛ, na wɔbɛto hyɛɛ Yuda so kunkum wɔn mu bi, na wɔfaa nnommum kɔeɛ. 18 Filistifoɔ+ nso bɛto hyɛɛ Sefela+ ne Negeb+ nkuro a ɛwɔ Yuda no so, na wɔfaa Bet-Semes+ ne Ayalon+ ne Gederot+ ne Soko+ ne ɛho nkuro, ne Timna+ ne ɛho nkuro, ne Gimso ne ɛho nkuro, na wɔtenatenaa hɔ. 19 Yehowa brɛɛ Yuda ase,+ Israel hene Ahas nti, ɛfiri sɛ ɔmaa brabɔne dɔɔso wɔ Yuda,+ na ɔyɛɛ Yehowa bɔne bebree.
20 Na Asiria hene Tilgat-Pilneser*+ baa ne so bɛhiahiaa ne ho,+ na wanhyɛ no den. 21 Na Ahas praa Yehowa fie+ ne ahemfie+ ne mpanimfie+ hɔ nneɛma nyinaa, na ɔde kyɛɛ Asiria hene,+ nanso ammoa no. 22 Berɛ a ɔrehiahia ne ho nyinaa no, Ɔhene Ahas deɛ, bɔne ara na ɔyɛɛ Yehowa.+ 23 Na ɔfirii aseɛ bɔɔ afɔdeɛ maa Damasko+ anyame+ a wɔkaa no guiɛ no, na ɔkaa sɛ: “Sɛ Siria ahemfo anyame reboa wɔn+ a, ɛnneɛ me nso mɛbɔ afɔdeɛ ama wɔaboa+ me.” Na wɔn na wɔbɛyɛɛ suntidua maa ɔno ne Israel+ nyinaa. 24 Afei nso, Ahas boaboaa nokorɛ Nyankopɔn fie hɔ anwenneɛ+ ano, na ɔtwitwaa nokorɛ Nyankopɔn fie hɔ anwenneɛ no mu asinasini,+ na ɔtotoo Yehowa fie apono+ mu, na ɔsisii afɔrebukyia wɔ Yerusalem baabiara.+ 25 Ɔyeyɛɛ sorɔnsorɔmmea+ wɔ nkuro nyinaa mu, kyerɛ sɛ, Yuda nkuro mu sɛ wɔnhye afɔrebɔdeɛ mma anyame foforɔ,+ na ɔde hyɛɛ Yehowa, n’agyanom Nyankopɔn no abufuo.+
26 Ne ho nsɛm a aka+ ne n’akwan nyinaa, ne mfitiaseɛ kɔsi n’awieeɛ, wɔatwerɛ no Israel ne Yuda Ahemfo Nwoma+ no mu. 27 Na Ahas ne n’agyanom kɔdaeɛ, na wɔsiee no kuro no mu, kyerɛ sɛ Yerusalem, na wɔamfa no ankɔ Israel ahemfo asieeɛ hɔ.+ Na ne ba Hesekia bɛdii n’adeɛ.