16 Ɛnna Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: “Hwɛ, wo ne w’agyanom rekɔda;+ na ɔman yi duru asase a wɔrekɔ soɔ+ no so a, wɔbɛsɔre+ ne ananafoɔ anyame abɔ adwaman wɔn mfimfini pɛɛ. Wɔbɛfiri m’akyi+ na wɔabu m’apam a me ne wɔn yɛeɛ no so.+
2 Ɛnna ɔfirii adi kɔɔ Asa anim, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Asa, wo ne Yuda ne Benyamin nyinaa, montie me ɛ! Yehowa deɛ, sɛ mo ne no tena a, ɔno nso ne mo bɛtena;+ sɛ mohwehwɛ+ no a, ɔbɛma moahu no, na sɛ mogya no a, ɔno nso bɛgya mo.+
19 Wo bɔne bɛtene wo so+ na wo nkontompo aka w’anim.+ Hwɛ na hunu sɛ ɛyɛ bɔne ne adeɛ a ɛyɛ nwono+ sɛ woagya Yehowa wo Nyankopɔn no, a me ho hu biara nni wo mu,’+ Awurade Tumfoɔ+ asafo Yehowa asɛm nie.