1 Samuel
23 Na wɔbɛka kyerɛɛ Dawid sɛ: “Filistifoɔ ne Keila+ reko, na wɔrefom ayuporobea hɔ aduane.”+ 2 Na Dawid bisaa+ Yehowa sɛ: “Menkɔ na menkɔkunkum Filistifoɔ yi?” Na Yehowa buaa Dawid sɛ: “Kɔ, kɔkunkum Filistifoɔ no na gye Keila.” 3 Ɛnna Dawid mmarima no ka kyerɛɛ no sɛ: “Hwɛ, Yuda+ fã ha a yɛwɔ yi mpo, yɛsuro, na sɛ yɛkɔ Keila na yɛne Filistifoɔ+ mpasua so dɔm kɔko deɛ a, ɛnneɛ yɛnnim deɛ ɛbɛsie!” 4 Enti Dawid san bisaa Yehowa.+ Ɛnna Yehowa ka kyerɛɛ no sɛ: “Sɔre, siane kɔ Keila, ɛfiri sɛ mede Filistifoɔ no bɛhyɛ wo nsa.”+ 5 Enti Dawid ne ne mmarima no kɔɔ Keila ne Filistifoɔ kɔkoeɛ, na wɔfaa wɔn nyɛmmoa kɔeɛ, na wɔde okunkɛseɛ kunkum wɔn; enti Dawid gyee Keilafoɔ.+
6 Berɛ a Ahimelek ba Abiatar+ redwane akɔ Dawid nkyɛn wɔ Keila no, ɔde asɔfotadeɛ+ kuraa ne nsam kɔeɛ. 7 Na wɔkɔbɔɔ Saul amanneɛ sɛ: “Dawid aba Keila.”+ Na Saul kaa sɛ: “Onyankopɔn atɔn no ahyɛ me nsa;+ wato ne ho mu, ɛfiri sɛ ɔkɔ kuro a apono ne mmeamu deda ano mu.” 8 Enti Saul frɛfrɛɛ ɔman no nyinaa sɛ wɔnkɔko na wɔnsiane nkɔ Keila na wɔnkɔtwa Dawid ne ne mmarima no ho nhyia. 9 Na Dawid tee sɛ Saul rebɔ ne ho pɔ bɔne.+ Enti ɔka kyerɛɛ ɔsɔfoɔ Abiatar sɛ: “Fa asɔfotadeɛ no bra ha.”+ 10 Ɛnna Dawid kaa sɛ: “O Yehowa, Israel Nyankopɔn,+ w’akoa ate sɛ me nti, Saul pɛ sɛ ɔba Keila bɛsɛe kuro yi.+ 11 Keilafoɔ de me bɛhyɛ ne nsa anaa? Saul bɛsiane aba ha ampa sɛdeɛ w’akoa ateɛ no? O Yehowa, Israel Nyankopɔn, mesrɛ wo, ka kyerɛ w’akoa.” Ɛnna Yehowa kaa sɛ: “Ɔbɛsiane aba.”+ 12 Na Dawid kaa sɛ: “Keilafoɔ de me ne me mmarima no bɛhyɛ Saul nsa anaa?” Ɛnna Yehowa buaa sɛ: “Wɔde mo bɛhyɛ ne nsa.”+
13 Ntɛm ara na Dawid ne ne mmarima bɛyɛ ahansia+ no sɔreeɛ, na wɔfirii Keila nante kɔɔ baabiara a wɔbɛnya. Ɛnna nkurɔfoɔ kɔbɔɔ Saul amanneɛ sɛ Dawid adwane afiri Keila kɔ, enti wannya ankɔ hɔ. 14 Na Dawid kɔtenaa serɛ so mmeammea a ɛhɔ korɔ yɛ den, na ɔtenaa Sif+ serɛ so mmepɔ mu. Saul hwehwɛɛ no daa,+ nanso Onyankopɔn anyi no anhyɛ ne nsa.+ 15 Na Dawid suroo daa ɛfiri sɛ Saul firii adi kɔhwehwɛɛ ne kra berɛ a Dawid wɔ Sif serɛ so wɔ Hores+ no.
16 Ɛnna Saul ba Yonatan sɔreeɛ, na ɔkɔɔ Dawid nkyɛn wɔ Hores kɔhyɛɛ ne nsam den+ Onyankopɔn din mu.+ 17 Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Nsuro,+ ɛfiri sɛ me papa Saul nsa renka wo, na wo na wobɛdi Israel so hene,+ na mɛyɛ w’abadiakyire; me papa Saul mpo nim saa.”+ 18 Na wɔn mmienu no yɛɛ apam+ Yehowa anim, na Dawid kɔɔ so tenaa Hores, na Yonatan deɛ, ɔkɔɔ ne fie.
19 Akyire yi, Sif+ mmarima foro kɔɔ Saul nkyɛn wɔ Gibea+ kɔkaa sɛ: “Ɛnyɛ baabi a ɛhɔ korɔ yɛ den wɔ Hores,+ yɛn nkyɛn ha yi ara na Dawid abɛhunta+ wɔ Hakila kokoɔ+ a ɛwɔ Yesimon nifa fam+ no soɔ? 20 Enti ɔhene, sɛdeɛ wo kra pɛ yie+ sɛ wosiane ba no, siane bra, na yɛn nso yɛbɛyi no ahyɛ ɔhene nsa.”+ 21 Ɛnna Saul kaa sɛ: “Yehowa nhyira mo,+ ɛfiri sɛ moahu me mmɔbɔ. 22 Mesrɛ mo, monkɔ so nhwehwɛ no na monkɔhunu baabi a ne nan akɔduro ne onii ko a ɔhunuu no no, ɛfiri sɛ mate sɛ ɔyɛ onitefoɔ+ paa. 23 Monhwɛ na monhunu huntabea biara a wakɔhyɛ, na momfa ɛho adanseɛ mmrɛ me, na me ne mo bɛkɔ. Na sɛ ɛba sɛ ɔwɔ asase no so a, mɛkyini ahwehwɛ no Yuda mpempem nyinaa mu.”+
24 Enti wɔsɔre dii Saul anim kɔɔ Sif.+ Saa berɛ no na Dawid ne ne mmarima no wɔ Maon+ serɛ so, wɔ Araba,+ Yesimon anafoɔ fam. 25 Akyire yi, Saul ne ne mmarima no ba bɛhwehwɛɛ no.+ Berɛ a wɔka kyerɛɛ Dawid no, ɛhɔ ara na ɔsiane kɔhyɛɛ ɔbotan+ mu, na ɔtenaa Maon serɛ so hɔ. Na Saul teeɛ no, ɔtĩĩ+ Dawid wɔ Maon serɛ no so. 26 Ɛduruu baabi no, na Saul wɔ bepɔ no fã ha, na Dawid ne ne mmarima no nso wɔ bepɔ no fã ha. Na Saul nti, na Dawid repɛ ntɛm afiri hɔ.+ Saa berɛ no nyinaa, na Saul ne ne mmarima no rebɛn Dawid ne ne mmarima no apɛ wɔn akye wɔn.+ 27 Nanso ɔbɔfoɔ baa Saul nkyɛn bɛka kyerɛɛ no sɛ: “Yɛ ntɛm kɔ, na Filistifoɔ abɛto ahyɛ asase no so!” 28 Enti Saul gyaee Dawid akyiridie,+ na ɔkɔhyiaa Filistifoɔ no. Ɛno nti na wɔbɛfrɛɛ hɔ Ntetemu Botan no.
29 Ɛnna Dawid dwane firii hɔ, na ɔkɔtenaa mmeaeɛ a ɛhɔ korɔ yɛ den wɔ En-Gedi. +