42 Na Yonatan ka kyerɛɛ Dawid sɛ: “Fa asomdwoeɛ kɔ,+ ɛfiri sɛ yɛn mmienu nyinaa aka ntam+ Yehowa din mu sɛ, ‘Yehowa ntena me ne wo ne m’asefoɔ ne w’asefoɔ ntam nkɔsi daa.’”+
Ɛnna Dawid sɔre siim kɔɔ ne kwan, na Yonatan nso kɔɔ kuro no mu.
8 Mo nyinaa moabɔ me ho pɔ. Me ara me ba ne Yese ba no ayɛ apam,+ na obiara anyi me asotire,+ na obiara nni hɔ a ɔdwene me ho a ɔbɛyi me asotire sɛ me ara me ba ama m’akoa so atia me ama no akɔtɛ me nnɛ a merekasa yi.”