Mmebusɛm 17:17 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 17 Ɔyɔnko berɛboɔ dɔ berɛ nyinaa;+ ɔyɛ onua a wɔwoo no maa ahohia da.+ Mmebusɛm 18:24 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 24 Ayɔnkofoɔ bi wɔ hɔ a wɔsɛe wɔn nnamfo,+ na adamfoɔ bi nso wɔ hɔ a ɔfam ho sene onua.+ Kolosefoɔ 3:14 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 14 Na yeinom nyinaa akyi no, monhyɛ ɔdɔ+ ɛfiri sɛ ɛyɛ koroyɛ homa+ a ɛyɛ pɛ.