7 Ɛnna Yehowa ka kyerɛɛ Gideon sɛ: “Mmarima ahasa a wɔnom nsuo wɔ wɔn nsam yi so na menam bɛgye mo, na mede Midian bɛhyɛ mo nsa.+ Ma nnipa a wɔaka no nyinaa nsan nkɔ wɔn afie.”
6 Na Yonatan ka kyerɛɛ ne somfoɔ a ɔkura n’akodeɛ no sɛ: “Bra ma yɛntwa nkɔ momonotofoɔ+ yi awɛmfoɔ dɔm no mu. Ebia Yehowa bɛdi ama yɛn ɛfiri sɛ ɛnyɛ den mma Yehowa sɛ ɔnam pii anaa kakraa bi so bɛgye nkwa.”+
19 Ɛnna Dawid bisaa+ Yehowa sɛ: “Menkɔ Filistifoɔ no so? Wode wɔn bɛhyɛ me nsa anaa?” Na Yehowa ka kyerɛɛ Dawid sɛ: “Kɔ, na mede Filistifoɔ no bɛhyɛ wo nsa.”+