Hesekiel
48 “Mmusua mmusua no din nie. Ɛfiri atifi fam tɔnn kɔfa Hetlon+ kwan so ba Hamat+ hyeɛ so fa Hasar-Enan+ a ɛwɔ Damasko hyeɛ so wɔ atifi fam ba Hamat asase ho no yɛ Dan+ kyɛfa; n’ahyeɛ da apueeɛ ne atɔeɛ, asase baako. 2 Aser+ toa Dan so, na n’ahyeɛ da apueeɛ ne atɔeɛ; ɛyɛ asase baako. 3 Naftali+ toa Aser so, na n’ahyeɛ da apueeɛ ne atɔeɛ; ɛyɛ asase baako. 4 Manase+ toa Naftali so, na n’ahyeɛ da apueeɛ ne atɔeɛ; ɛyɛ asase baako. 5 Efraim+ toa Manase so, na n’ahyeɛ da apueeɛ ne atɔeɛ; ɛyɛ asase baako. 6 Ruben+ toa Efraim so, na n’ahyeɛ da apueeɛ ne atɔeɛ; ɛyɛ asase baako. 7 Yuda+ toa Ruben so, na n’ahyeɛ da apueeɛ ne atɔeɛ; ɛyɛ asase baako. 8 Na asase a mobɛtwa sɛ ntoboa no toa Yuda so, firi apueeɛ kɔ atɔeɛ. Ne tɛtrɛtɛ yɛ basafa mpem aduonu nnum,+ na ne ntwemu te sɛ mmusua mmusua no asase no, firi apueeɛ kɔsi atɔeɛ. Na wɔde kronkronbea no bɛsi mfimfini.+
9 “Na asase a mobɛtwa ama Yehowa sɛ ntoboa no ntwemu bɛyɛ basafa mpem aduonu nnum, na ne tɛtrɛtɛ ayɛ mpem du. 10 Wɔntwa yei mma asɔfoɔ+ no sɛ ntoboa kronkron: Atifi fam, basafa mpem aduonu nnum; atɔeɛ fam tɛtrɛtɛ, mpem du; apueeɛ fam tɛtrɛtɛ, mpem du; na anafoɔ fam ntwemu, mpem aduonu nnum. Na wɔde Yehowa kronkronbea bɛsi mfimfini.+ 11 Ɛbɛyɛ asɔfoɔ no dea, Sadok+ mma a wɔate wɔn ho a wɔyɛɛ m’adwuma no. Yeinom na wɔamfiri m’akyi berɛ a Israelfoɔ firii m’akyi, sɛdeɛ Lewifoɔ no firii m’akyi no.+ 12 Wɔbɛnya asase a wɔatwa sɛ ntoboa no bi, na ɛbɛyɛ akronkronneɛ mu adekronkron wɔ Lewifoɔ hyeɛ ho.+
13 “Lewifoɔ no bɛnya asase+ wɔ asɔfoɔ no deɛ ho. Ne ntwemu bɛyɛ basafa mpem aduonu nnum, ne tɛtrɛtɛ nso mpem du; asase no nyinaa ntwemu yɛ mpem aduonu nnum, na ne tɛtrɛtɛ nso mpem du.+ 14 Ɛnsɛ sɛ wɔtwa asase no bi tɔn, na wɔmmfa nnsesa hwee, na wɔnnnane asase no fã a ɛyɛ no mmma obi, ɛfiri sɛ ɛyɛ akronkronneɛ ma Yehowa.+
15 “Na asase no fã a aka a ne tɛtrɛtɛ yɛ basafa mpemnum a ɛda mpem aduonu nnum no ho no deɛ, ɛyɛ asasehunu a ɛda kuro no ho.+ Nnipa bɛtenatena hɔ na wɔde hɔ ayɛ mmoa adidibea. Na kuro no bɛda mfimfini.+ 16 Kuro no nsusuiɛ nie: N’atifi yɛ basafa mpemnan ne ahanum; anafoɔ, mpemnan ne ahanum; apueeɛ, mpemnan ne ahanum; atɔeɛ, mpemnan ne ahanum. 17 Na kuro no bɛnya mmoa adidibea:+ N’atifi bɛyɛ basafa ahanu aduonum; anafoɔ, ahanu aduonum; apueeɛ, ahanu aduonum; atɔeɛ, ahanu aduonum.
18 “Na asase a ɛbɛka no ntwemu ne ntoboa kronkron+ no bɛyɛ pɛ. Apueeɛ fam bɛyɛ basafa mpem du, na atɔeɛ fam nso mpem du. Ɛne ntoboa kronkron no nyinaa bɛyɛ pɛ; na kuro no mu adwumayɛfoɔ bɛdi ɛso nnɔbaeɛ.+ 19 Na kuro no mu adwumayɛfoɔ a wɔfiri Israel mmusuakuo nyinaa mu bɛdɔ asase no.+
20 “Asase a mobɛtwa sɛ ntoboa no nyinaa ntwemu yɛ basafa mpem aduonu nnum, na ne tɛtrɛtɛ nso yɛ mpem aduonu nnum. Asase ahinanan na mode bɛma sɛ ntoboa kronkron ne kuro no asase.
21 “Deɛ ɛbɛka no bɛyɛ ɔberempɔn+ no dea. Ɛbɛda ntoboa kronkron no ne kuro+ no benkum ne nifa so, wɔ ntoboa no apueeɛ fam a ɛyɛ basafa mpem aduonu nnum no ne n’atɔeɛ fam+ a ɛyɛ basafa mpem aduonu nnum no nkyɛnmu. Ɔberempɔn no deɛ no bɛyɛ sɛ mmusua no deɛ no ara pɛ. Na ntoboa kronkron ne Efie no kronkronbea no bɛda mfimfini.
22 “Lewifoɔ no asase ne kuro no bɛda ɔberempɔn no asase mfimfini. Na ɔberempɔn no asase bɛda Yuda+ ne Benyamin asase no ntam.
23 “Na mmusuakuo a aka no deɛ nie: Asase a ɛdi hɔ firi apueeɛ fam hyeɛ so ba atɔeɛ fam hyeɛ so no yɛ Benyamin+ dea, asase baako. 24 Simeon+ toa Benyamin so, na n’ahyeɛ da apueeɛ ne atɔeɛ; ɛyɛ asase baako. 25 Isakar+ toa Simeon so, na n’ahyeɛ da apueeɛ ne atɔeɛ; ɛyɛ asase baako. 26 Sebulon+ toa Isakar so, na n’ahyeɛ da apueeɛ ne atɔeɛ; ɛyɛ asase baako. 27 Gad+ toa Sebulon so, na n’ahyeɛ da apueeɛ ne atɔeɛ; ɛyɛ asase baako. 28 Na Gad hyeɛ a ɛwɔ anafoɔ fam no bɛkɔ anafoɔ akɔfa Tamar+ akɔsi Meribat-Kades+ nsuo ho, na ɛbɛfiri subɔn+ no ho akɔ Po Kɛseɛ+ no ho.
29 “Yei ne asase a mobɛkyɛ ama Israel mmusuakuo no,+ na abusua biara kyɛfa bɛyɛ n’agyapadeɛ,”+ Awurade Tumfoɔ Yehowa asɛm nie.
30 “Na kuro no ho akwan nie: Atifi fam nsusuiɛ bɛyɛ basafa mpemnan ne ahanum.+
31 “Na wɔde Israel mmusuakuo no din bɛfrɛ apono no. Apono mmiɛnsa wɔ atifi fam—Ruben pono baako, Yuda pono baako, Lewi pono baako.
32 “Apueeɛ fam bɛyɛ basafa mpemnan ne ahanum, na ɛbɛnya apono mmiɛnsa; Yosef pono baako, Benyamin pono baako, Dan pono nso baako.
33 “Na anafoɔ fam nsusuiɛ bɛyɛ basafa mpemnan ne ahanum, na ɛbɛnya apono mmiɛnsa; Simeon pono baako, Isakar pono baako, Sebulon pono nso baako.
34 “Atɔeɛ fam bɛyɛ basafa mpemnan ne ahanum, na ɛbɛnya apono mmiɛnsa; Gad pono baako, Aser pono baako, na Naftali pono nso baako.
35 “Sɛ wɔsusu ɛho nyinaa twa hyia a, ɛbɛyɛ basafa mpem dunwɔtwe; na ɛfiri saa da no, wɔbɛfrɛ kuro no Yehowa No Ara Wɔ Hɔ.”+