Hesekiel
40 Berɛ a wɔfaa yɛn nnommum+ no akyi afe a ɛtɔ so aduonu nnum, afe no mfitiaseɛ, bosome no da a ɛtɔ so du, kuro no sɛeɛ+ akyi mfeɛ dunan no, Yehowa nsa baa me so+ saa da no ara, na ɔde me kɔɔ hɔ.+ 2 Onyankopɔn anisoadehunu mu na ɔde me kɔɔ Israel asase soɔ, na afei ɔde me kɔsii bepɔ+ tenteenten bi so. Ná biribi wɔ so te sɛ kuro wɔ anafoɔ fam.+
3 Berɛ a ɔde me kɔɔ hɔ no, na ɔbarima bi a ne ho te sɛ kɔbere+ kura siwabire homa ne demmire+ a wɔde susu adeɛ gyina ɛpono no ano. 4 Na ɔbarima no ka kyerɛɛ me sɛ: “Onipa ba,+ fa w’ani hwɛ na fa w’aso tie, na fa w’akoma si deɛ mɛkyerɛ woɔ nyinaa so, ɛfiri sɛ wɔde wo aba ha sɛ menkyerɛ wo. Na ka deɛ wobɛhunu biara kyerɛ Israel fie.”+
5 Na hwɛ, ɔfasuo atwa fie no ho nyinaa ahyia. Ná ɔbarima no kura demmire a wɔde susu adeɛ basafa nsia; basafa biara wɔde bɛyɛ sɛ nsayam ato so. Na ɔsusuu ɔfasuo no tɛtrɛtɛ, demmire baako, ne ne tenten, demmire baako.
6 Afei ɔfaa ponkɛseɛ a ani kyerɛ apueeɛ+ fam no mu, na ɔforoo ntwedeɛ no kɔɔ soro. Ɔsusuu ponkɛseɛ+ no ase, na na ne tɛtrɛtɛ yɛ demmire baako, na ɔsusuu ɛpono foforɔ nso demmire baako. 7 Awɛmfoɔ pia no ntwemu yɛ demmire baako na ne tɛtrɛtɛ nso yɛ demmire baako, na awɛmfoɔ mpia+ no ntam yɛ basafa nnum; na ponkɛseɛ a ɛbɛn abrannaa a ani kyerɛ fie no mu no ase yɛ demmire baako.
8 Na ɔsusuu abrannaa a ani kyerɛ fie no mu no ase, demmire+ baako. 9 Na ɔsusuu ɛpono no abrannaa no, basafa nwɔtwe; ɛho adum nso basafa mmienu, na na abrannaa no ani kyerɛ fie no mu.
10 Awɛmfoɔ mpia a ɛwɔ ponkɛseɛ no ho wɔ apueeɛ fam no, mmiɛnsa wɔ benkum, na mmiɛnsa nso wɔ nifa. Mmiɛnsa no nyinaa nsusuiɛ yɛ pɛ, na ɛho adum no nso nsusuiɛ yɛ pɛ wɔ afã mmienu no nyinaa.
11 Afei ɔsusuu ɛpono no ano kwan tɛtrɛtɛ, basafa du, na ɔsusuu ne ntwemu nso, basafa dumiɛnsa.
12 Ɔfasuo a ɛwɔ awɛmfoɔ mpia no anim no yɛ basafa baako; na ɔfasuo no yɛ basafa baako wɔ ɛfã biara. Awɛmfoɔ pia no yɛ basafa nsia wɔ benkum na basafa nsia wɔ nifa.
13 Afei ɔsusuu ɛpono no firii awɛmfoɔ pia baako atifi kɔsii baako atifi; ne tɛtrɛtɛ yɛ basafa aduonu nnum,+ na akwan no di nhwɛanimu. 14 Ɔsusuu adum no, basafa aduosia, ne adihɔ adum no; yei yɛ adum a ɛwɔ apono a atwa ho ahyia ho no. 15 Ɛfiri ponkɛseɛ no ano kɔsi abrannaa no pono ano yɛ basafa aduonum.
16 Ná mpomma a aka apua+ atwa awɛmfoɔ mpia ne adum ne ɛpono no ho nyinaa ahyia, na saa ara na na ɛteɛ wɔ abrannaa no ho. Mpomma wɔ mu nyinaa twa hyia, na wɔayɛ mmedua mfonini+ wɔ adum no ho.
17 Afei ɔde me baa akyire hɔ adihɔ hɔ, na mehunuu adidibea,+ na na aboɔ nsɛeɛ atwa adihɔ no ho nyinaa ahyia. Ná adidibea aduasa wɔ aboɔ nsɛeɛ no ho.+ 18 Aboɔ nsɛeɛ a ɛda apono no ho no te sɛ apono no ntwemu—ɛkwan a ɛda aseɛ no.
19 Na ɔsusu firii ponkɛseɛ no ano kɔsii mfimfini hɔ adihɔ no anim. Ná ɛyɛ basafa ɔha wɔ apueeɛ ne atifi fam.
20 Akyire hɔ adihɔ no wɔ ɛpono bi a ani kyerɛ atifi fam. Ɔsusuu ne ntwemu ne ne tɛtrɛtɛ. 21 Ná awɛmfoɔ mpia mmiɛnsa wɔ benkum na mmiɛnsa wɔ nifa. Na ɛho adum ne n’abrannaa nsusuiɛ te sɛ ɛpono a ɛdi kan no. Ne ntwemu yɛ basafa aduonum na ne tɛtrɛtɛ yɛ basafa aduonu nnum. 22 Ne mpomma ne n’abrannaa ne ne mmedua a wɔayɛ wɔ ho no+ nsusuiɛ te sɛ ɛpono a ani kyerɛ apueeɛ fam no. Wɔfa ntwedeɛ nson so na ɛkɔ hɔ, na abrannaa wɔ animu.
23 Mfimfini hɔ adihɔ pono no ne ɛpono a ɛwɔ atifi fam ne apueeɛ fam no di nhwɛanimu. Na ɔsusu firii ɛpono baako ano kɔɔ foforɔ ano, basafa ɔha.
24 Ɔde me baa anafoɔ fam, na mehunuu ɛpono bi a ɛkyerɛ anafoɔ,+ na ɔsusuu ɛho adum ne abrannaa no, na na ne nyinaa nsusuiɛ te sɛ apono no. 25 Ná mpomma atwa ɛne n’abrannaa nyinaa ho ahyia, te sɛ saa mpomma no. Ne ntwemu yɛ basafa aduonum, na ne tɛtrɛtɛ yɛ basafa aduonu nnum. 26 Wɔforo ntwedeɛ nson na ɛkɔ hɔ,+ na abrannaa wɔ animu. Wɔayeyɛ mmedua mfonini wɔ n’adum no ho, baako wɔ ha na baako wɔ ha.
27 Mfimfini hɔ adihɔ no wɔ ɛpono a ani kyerɛ anafoɔ fam. Na ɔsusu firii ɛpono baako ano kɔɔ foforɔ ano wɔ anafoɔ fam, basafa ɔha. 28 Na ɔde me faa pono a ɛwɔ anafoɔ fam no mu kɔɔ mfimfini hɔ adihɔ hɔ. Na ɔsusuu anafoɔ fam pono no, na na ne nyinaa nsusuiɛ ne yeinom yɛ pɛ. 29 N’awɛmfoɔ mpia ne ɛho adum ne n’abrannaa no nsusuiɛ ne yeinom yɛ pɛ, na mpomma atwa ɛne n’abrannaa nyinaa ho ahyia. Ná ne ntwemu yɛ basafa aduonum, na ne tɛtrɛtɛ yɛ basafa aduonu nnum.+ 30 Ná abrannaa wɔ ho nyinaa; ne ntwemu yɛ basafa aduonu nnum na ne tɛtrɛtɛ yɛ basafa nnum. 31 N’abrannaa no anim kyerɛ akyire hɔ adihɔ hɔ, na wɔayeyɛ mmedua mfonini wɔ n’adum ho,+ na wɔfa ntwedeɛ nwɔtwe+ so na ɛkɔ hɔ.
32 Na ɔde me faa apueeɛ fam kɔɔ mfimfini hɔ adihɔ hɔ. Na ɔsusuu pono no, na na ne nyinaa nsusuiɛ ne yeinom yɛ pɛ. 33 N’awɛmfoɔ mpia ne ɛho adum ne n’abrannaa no nsusuiɛ ne yeinom yɛ pɛ, na mpomma wɔ ɛne n’abrannaa ho nyinaa. Ne ntwemu yɛ basafa aduonum, na ne tɛtrɛtɛ yɛ basafa aduonu nnum. 34 N’abrannaa no anim kyerɛ akyire hɔ adihɔ hɔ, na wɔayeyɛ mmedua mfonini wɔ n’adum ho wɔ ha ne ha, na wɔfa ntwedeɛ nwɔtwe so na ɛkɔ hɔ.
35 Na ɔde me baa ɛpono a ɛwɔ atifi fam+ no ano, na ɔsusuiɛ no, na ne nyinaa nsusuiɛ ne yeinom yɛ pɛ,+ 36 n’awɛmfoɔ mpia ne ɛho adum ne n’abrannaa no. Ná mpomma wɔ ho nyinaa, na ne ntwemu yɛ basafa aduonum, na ne tɛtrɛtɛ yɛ basafa aduonu nnum. 37 N’adum anim kyerɛ akyire hɔ adihɔ hɔ, na mmedua wɔ n’adum ho wɔ ha ne ha,+ na wɔfa ntwedeɛ nwɔtwe so na ɛkɔ hɔ.
38 Ná adidibea bi kwan wɔ apono no adum ho. Ɛhɔ na na wɔhohoro deɛ wɔde bɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ no ho.+
39 Ɛponkɛseɛ no abrannaa mu no, na apono mmienu sisi fã ha na mmienu nso sisi fã ha. Ɛso na wɔkum mmoa a wɔde bɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ+ ne bɔne ho afɔdeɛ+ ne asodie afɔdeɛ+ no. 40 Ná apono mmienu sisi akyire hɔ, faako a wɔfa kɔ atifi pono no ano no, na na ponkɛseɛ no abrannaa no nkyɛn nso, apono mmienu sisi hɔ. 41 Ná apono nwɔtwe sisi ponkɛseɛ no nkyɛnmu—nnan wɔ fã ha, na nnan nso wɔ fã ha. Ɛso na na wɔkum mmoa no. 42 Aboɔ a wɔasene na wɔde yɛɛ apono nnan a na wɔbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ wɔ soɔ no. Ne ntwemu yɛ basafa baako ne fã, ne tɛtrɛtɛ basafa baako ne fã, na ne tenten basafa baako. Ɛso na na wɔde nneɛma a wɔde kum mmoa a wɔde bɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ ne afɔdeɛ a aka no guo. 43 Ná adeɛ a wɔde nneɛma sensɛn soɔ a ɛte sɛ nsayam tɛtrɛtɛ hyehyɛ dan no ho nyinaa; apono no so na na wɔde aboa a wɔde no ma sɛ ayɛyɛdeɛ no nam guo.+
44 Nnwontofoɔ+ adidibea wɔ ponkɛseɛ a ɛwɔ fie no mu no akyi, mfimfini hɔ adihɔ hɔ, atifi pono no nkyɛn, na animu kyerɛ anafoɔ fam. Baako nso wɔ apueeɛ fam pono no ho, na animu kyerɛ atifi fam.
45 Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: “Adidibea a animu kyerɛ anafoɔ fam no yɛ asɔfoɔ a wɔhwɛ fie+ hɔ no dea. 46 Na adidibea a animu kyerɛ atifi fam no yɛ asɔfoɔ a wɔhwɛ afɔrebukyia+ no soɔ no dea. Wɔn ne Sadok+ mma a wɔfiri Lewi abusua mu a wɔba Yehowa anim bɛsom no no.”+
47 Na ɔsusuu mfimfini hɔ adihɔ no. Ne ntwemu yɛ basafa ɔha, na ne tɛtrɛtɛ nso yɛ basafa ɔha; ɛyɛ ahinanan. Na afɔrebukyia no si fie no anim.
48 Ɔde me baa fie no abrannaa+ so, na ɔsusuu abrannaa no dum no, basafa nnum wɔ ha, na basafa nnum nso wɔ ha. Ná ponkɛseɛ no tɛtrɛtɛ yɛ basafa mmiɛnsa wɔ fã ha, na ɛfã ha nso, basafa mmiɛnsa.
49 Abrannaa no ntwemu yɛ basafa aduonu, na ne tɛtrɛtɛ nso yɛ basafa dubaako. Ntwedeɛ na wɔforo kɔ hɔ, na adum sisi ntwea adum no ho, baako wɔ ha, na baako nso wɔ ha.+