Amos
8 Afei Awurade Tumfoɔ Yehowa maa mehunuu kɛntɛn a ahuhuro berɛ mu nnuaba wom.+ 2 Ɛnna ɔbisaa me sɛ: “Amos, ɛdeɛn na wohunu yi?”+ Na mekaa sɛ: “Kɛntɛn a ahuhuro berɛ mu nnuaba wom.”+ Na Yehowa ka kyerɛɛ me sɛ: “Me man Israel awieeɛ aduru.+ Merenhu wɔn mmɔbɔ bio.+ 3 ‘Saa da no, asɔrefie dwom bɛdane adwotwa,’+ Awurade Tumfoɔ Yehowa asɛm nie. ‘Na afunu bɛbu so+ ama wɔatoto agu baabiara—ma ɛhɔ ntɛm dinn!’
4 “Montie, mo a mofee mo sẽ kyerɛ ohiani+ na mosɛe asase so ahobrɛasefoɔ,+ 5 na moka sɛ, ‘Da bɛn na bosome foforɔ bɛtwam+ na yɛatɔn aburoo,+ ne homeda,+ na yɛatɔn ayuo, na yɛayɛ susukoraa no ketewa+ na ne boɔ akɔ soro, na yɛakyea atorɔ nsania no,+ 6 na yɛde dwetɛ atɔ abrɛfoɔ, na yɛde mpaboa boɔ atɔ ohiani, na yɛatɔn ayuo wurawura?’+
7 “Yehowa de Yakob Animuonyam aka ntam+ sɛ, ‘Me werɛ remfiri wɔn nnwuma nyinaa da.+ 8 Ɛnyɛ yei nti na asase no bɛwosoɔ+ na ɛsofoɔ nyinaa adi awerɛhoɔ,+ na ayiri abu afa so sɛ Nil, na asan atwetwe sɛ Egypt Nil anaa?’+
9 “Awurade Tumfoɔ Yehowa asɛm nie: ‘Saa da no, mɛma awia akɔtɔ awiaberɛ+ na mama sum aduru asase no so awia ketee. 10 Na mɛma mo afahyɛ adane awerɛhoɔ+ na mo nnwom adane adwotwa, na mɛma obiara de atweaatam asi n’asene na etire biara ho apa;+ na mɛma ayɛ sɛ deɛ wɔregyam ɔbakorɔ+ na n’awieeɛ ayɛ sɛ da bɔne.’
11 “Awurade Tumfoɔ Yehowa asɛm nie: ‘Hwɛ, nna bi reba a mɛma ɛkɔm aba asase no so; ɛnyɛ aduankɔm anaa sukɔm, na mmom Yehowa asɛm ho kɔm.+ 12 Na wɔde wɔn tiri bɛpempem afiri po ano akɔ po ano, firi atifi akɔ apueeɛ. Na wɔbɛkyinkyini ahwehwɛ Yehowa asɛm, nanso wɔrenhunu.+ 13 Saa da no, sukɔm nti, mmaabunu a wɔn ho yɛ fɛ ne mmeranteɛ bɛtwitwa ahwe;+ 14 yeinom na wɔde Samaria bɔne ka ntam+ sɛ: “O Dan,+ sɛ́ wo nyame te aseɛ yi!” na wɔka sɛ, “Sɛ́ Beer-Seba+ kwan wɔ hɔ yi!” Na wɔbɛhwehwe ase a wɔrensɔre bio.’”+