Wɔde ma dwonkyerɛfoɔ. Dawid dwom. Ayeyi dwom.
109 O m’ayeyie Nyankopɔn,+ nyɛ komm.+
2 Ɛfiri sɛ nnebɔneyɛfoɔ ne nkontompofoɔ abue wɔn ano atia me.+
Wɔde atorɔ kɛtrɛma akeka me ho nsɛm;+
3 Wɔde ɔtan nsɛm atwa me ho ahyia,+
Na wɔko tia me kwa.+
4 Wɔde ɔsɔretia tua me dɔ so ka;+
Nanso me deɛ, mpaeɛ ara na mebɔ.+
5 Wɔde bɔne tua me papayɛ so ka,+
Na wɔde ɔtan tua me dɔ so ka.+
6 Ma ɔdebɔneyɛfoɔ nni ne so,
Na ma ɔsɔretiafoɔ+ nnyina ne nsa nifa so.
7 Sɛ wɔbu no atɛn a, ma no nni fɔ sɛ ɔdebɔneyɛfoɔ;
Na ne mpaebɔ mpo, ma wɔmmu no bɔne.+
8 Ma ne nna nyɛ kakraa bi;+
Ne hwɛfoɔ adwuma no, ma obi foforɔ nyɛ.+
9 Ma ne mma nyɛ nnyanka+
Na ne yere nyɛ okunafoɔ.+
10 Ma ne mma nnenam basabasa;+
Ma wɔnsrɛsrɛ adeɛ;
Ma wɔmfiri wɔn amamfõ so nkɔhwehwɛ aduane.+
11 Ma opoobɔfoɔ nnaadaa no nnye deɛ ɔwɔ nyinaa,+
Na ma ahɔhoɔ+ mfom deɛ wabrɛ anya.+
12 Mma obiara nnyɛ no adɔeɛ,+
Na mma obiara nnhu ne nnyanka mmɔbɔ.
13 Ma n’asefoɔ ase ntɔre.+
Ma wɔmpepa wɔn din mfiri nkyirimma a wɔbɛba no mu.+
14 Ma Yehowa nkae n’agyanom mfomsoɔ,+
Na ne nã bɔne nso,+ mma wɔmmpepa mmfiri hɔ.+
15 Ma no ntena Yehowa anim daa;+
Na ɔntwa wɔn nkaeɛ mfiri asase so;+
16 Ɛfiri sɛ wankae anyi adɔeɛ adi,+
Na mmom ɔtaa mmɔborɔni ne ohiani+
Ne deɛ n’akoma abotoɔ, pɛɛ sɛ ɔku no.+
17 Ɔdɔɔ nnome,+ enti ɛbaa ne so;+
Na n’ani annye nhyira ho,+
Enti ammɛn no koraa;+
18 Nnome na ɛfiraa no ntoma.+
Ɛkɔɔ ne mu sɛ nsuo,+
Ne ne nnompe mu sɛ ngo.
19 Ma no nyɛ sɛ ntoma a ɔfira+
Ne abɔsoɔ a ɔde bɔ n’asene daa.+
20 Yei ne akatua a Yehowa de bɛba deɛ ɔne me di asie+
Ne wɔn a wɔka me kra ho asɛmmɔne no soɔ.+
21 Wo deɛ, wone Awurade Tumfoɔ+ Yehowa.
Wo din nti di ma me.+
Na w’adɔeɛ a ɛyɛ nti, gye me.+
22 Ɛfiri sɛ meyɛ mmɔborɔni ne ohiani.+
Na wɔahwire m’akoma mu.+
23 Mɛkɔ sɛ sunsum a ɛyera;+
Wɔaporo me agu sɛ ntutummɛ.
24 Mmuadadie+ nti, me nkotodwe hinhim;
Me honam nso atwintwam, na sradeɛ abɔ no.+
25 Me deɛ, mayɛ ahohoradeɛ ama wɔn.+
Wɔhu me a, wɔwoso wɔn ti.+
26 O Yehowa, me Nyankopɔn, boa me;+
Gye me sɛdeɛ w’adɔeɛ teɛ.+
27 Na ma wɔnhunu sɛ ɛyɛ wo nsa,+
Na wo Yehowa, wo ara na woayɛ.+
28 Ma wɔnnome me,+
Na wo deɛ, hyira me.+
Wɔasɔre agyina, nanso ma wɔn ani nwu,+
Na ma w’akoa nni ahurisie.+
29 Ma wɔn a wɔne me di asie no mfira animguaseɛ,+
Na wɔnhyɛ aniwuo sɛ atadeɛ ngugusoɔ.+
30 Mede m’ano bɛkamfo Yehowa pii,+
Na mɛyi no ayɛ wɔ nnipa bebree mu.+
31 Ɔno na ɔbɛgyina ohiani nsa nifa soɔ,+
Na wagye no afiri wɔn a wɔpɛ ne kra bɔne no nsam.