Dawid dwom, berɛ a ɔyɛɛ ne ho sɛ bɔdamfoɔ+ wɔ Abimelek anim, na ɔpamoo no maa no kɔeɛ no.
א [ʼAʹleph]
34 Mɛhyira Yehowa berɛ nyinaa;+
N’ayeyie rempa m’anom da.+
ב [Behth]
2 Yehowa mu na me kra bɛhoahoa ne ho;+
Ahobrɛasefoɔ bɛte na wɔadi ahurisie.+
ג [Giʹmel]
3 Mommra mma yɛnkamfo Yehowa,+
Na momma yɛmmom mma ne din so.+
ד [Daʹleth]
4 Mede abisadeɛ too Yehowa anim, na ɔbuaa me,+
Na ɔgyee me, m’ahudeɛ nyinaa mu.+
ה [Heʼ]
5 Nnipa a wɔde wɔn ani too ne soɔ no anim baa nyam,+
Na wɔn anim angu ase.+
ז [Zaʹyin]
6 Mmɔborɔni yi frɛeɛ, na Yehowa tiee no.+
Ɔgyee no n’ahohia nyinaa mu.+
ח [Chehth]
7 Yehowa bɔfoɔ bɔ wɔn a wɔsuro no nyinaa ho nsraban,+
Na ɔgye wɔn.+
ט [Tehth]
8 Monka nhwɛ na monhunu sɛ Yehowa yɛ;+
Anigyeɛ ne ɔbarima a ɔdwane toa no.+
י [Yohdh]
9 Yehowa akronkronfoɔ nyinaa, monsuro no,+
Ɛfiri sɛ biribiara nhia wɔn a wɔsuro no.+
כ [Kaph]
10 Agyataforɔ mpo, adeɛ tumi hia wɔn ma ɛkɔm de wɔn;+
Na wɔn a wɔhwehwɛ Yehowa deɛ, adepa biara remmɔ wɔn.+
ל [Laʹmedh]
11 Me mma, mommra mmɛtie me;+
Yehowa suro na mɛkyerɛ mo.+
מ [Mem]
12 Hwan ne deɛ ɔdɔ nkwa,+
Na ɔpɛ sɛ ɔhunu nna pa pii?+
נ [Nun]
13 Kora wo kɛtrɛma so, adebɔne ho,+
Ne w’ano, na anka nnaadaasɛm.+
ס [Saʹmekh]
14 Twe wo ho firi bɔne ho na yɛ papa;+
Hwehwɛ asomdwoeɛ na di akyire.+
ע [ʽAʹyin]
15 Yehowa ani wɔ ateneneefoɔ so,+
Na wayɛ aso ama wɔn sufrɛ.+
פ [Peʼ]
16 Yehowa ani sã wɔn a wɔyɛ bɔne,+
Sɛ ɔbɛtwa wɔn din afiri asase so.+
צ [Tsa·dhehʹ]
17 Ateneneefoɔ team, na Yehowa nso tie wɔn,+
Na ɔgye wɔn, wɔn ahohia nyinaa mu.+
ק [Qohph]
18 Yehowa bɛn wɔn a wɔn akoma abubuo;+
Ɔgye wɔn a wɔn honhom abotoɔ.+
ר [Rehsh]
19 Ɔteneneeni amanehunu dɔɔso,+
Nanso Yehowa gye no ne nyinaa mu.+
ש [Shin]
20 Ɔhwɛ ne nnompe nyinaa so;
Emu baako mpo mmu.+
ת [Taw]
21 Ɔdebɔneyɛfoɔ deɛ, mmusuo na ɛbɛku no;+
Ɔteneneeni atamfo nso, wɔbɛbu wɔn fɔ.+
22 Yehowa gye n’asomfoɔ kra;+
Na obiara a ɔde no yɛ ne dwankɔbea no, wɔremmu no fɔ.+