Dwom. Dawid ayeyi dwom.
108 M’akoma atim, O Onyankopɔn.+
Mɛto ayeyi dwom,+
M’animuonyam nso bɛto bi.+
2 Sankuo, nyane ɛ; sankuten, wo nso nyane.+
Na mɛnyane anɔpahema.+
3 O Yehowa, mɛkamfo wo amanaman mu;+
Mɛto ayeyi dwom ama wo, aman nyinaa mu.+
4 Ɛfiri sɛ w’adɔeɛ sõ kɔduru soro,+
Na wo nokorɛ kɔduru mununkum mu.+
5 O Onyankopɔn, ma wo ho so tra ɔsoro;+
Na ma w’animuonyam ntra asase nyinaa.+
6 Deɛ ɛbɛyɛ na wɔagye w’adɔfo no,+
Yɛsrɛ wo, fa wo nsa nifa gye yɛn, na tie me.+
7 Onyankopɔn no ara akasa ne kronkronyɛ mu+ sɛ:
“Mɛdi ahurisie, mede Sekem+ bɛma wɔn sɛ wɔn kyɛfa;+
Na mɛsusu Sukot+ asasetamaa ama wɔn.
8 Gilead+ yɛ me dea; Manase+ yɛ me dea,
Na Efraim yɛ me otitire abankɛseɛ;+
Yuda yɛ m’ahempoma.+
9 Moab+ yɛ me dwaresɛn.+
Edom+ na mɛto me mpaboa atoɔ.+
Filistia+ ho na mɛbɔ ose.”+
10 Hwan na ɔde me bɛkɔ kuro a wɔabɔ ho ban no mu?+
Hwan koraa na ɔbɛdi m’anim akɔduru Edom?+
11 Ɛnyɛ wo, Onyankopɔn, na woato yɛn atwene,+
Na wo ne yɛn asafodɔm nkɔ bio sɛ yɛn Nyankopɔn?+
12 O gye yɛn firi ahohia mu,+
Ɛfiri sɛ mfasoɔ bi nni onipa dasani nkwagyeɛ so.+
13 Onyankopɔn hɔ na yɛbɛnya ahoɔden,+
Na ɔno na ɔbɛtiatia yɛn atamfo soɔ.+