Hesekiel
19 “Afei twa Israel aberempɔn+ ho kwadwom,+ 2 na ka sɛ, ‘Wo maame yɛ deɛn? Gyatabereɛ a ɔwɔ agyata+ mu; ɔda agyatanini ntam. Na ɔyɛn ne mma.
3 “‘Ɔyɛn ne mma no baako+ maa no bɛyɛɛ gyatabire, na ɔsuaa sɛdeɛ wɔtete hanam mu.+ Na ɔwee nnipa mpo. 4 Amanaman tee ne ho asɛm, na wɔkyee no wɔn amena mu, na wɔde akɔtɔkorɔ twee no kɔɔ Egypt asase so.+
5 “‘Berɛ a ne maame hunuu sɛ watwɛn nanso anidasoɔ biara nni hɔ no, ɔfaa ne ba foforɔ,+ na ɔde no gyinaa hɔ sɛ gyatabire. 6 Afei ɔne agyata dii akɔneaba, na ɔbɛyɛɛ gyatabire, na ɔsuaa sɛdeɛ wɔtete hanam mu.+ Ɔwee nnipa mpo.+ 7 Afei ɔhunuu faako a ɔteɛ, na ɔsɛee wɔn nkuro+ maa asase no danee amamfõ, na ɔde ne mmobɔmu hyɛɛ hɔ mã.+ 8 Na aman a ɛwɔ ɔmantam no mu nyinaa de wɔn ani sii ne so,+ na wɔtrɛɛ wɔn atena mu guu ne so,+ na wɔkyee no wɔn amena mu.+ 9 Afei wɔde akɔtɔkorɔ twee no kɔhyɛɛ buo mu de no kɔmaa Babilon hene.+ Na wɔde atena twee no kɔeɛ sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔnte ne nne wɔ Israel mmepɔ+ so bio.
10 “‘Berɛ bi na wo maame+ te sɛ wo mogya mu bobe+ a ɛsi nsuo ho. Nsuo pii+ nti, ɛnyaa nkorabata bebree na ɛsoo aba. 11 Na ɛbɛyɛɛ poma a ɛyɛ den maa no, ahempoma.+ Ɛnyini yɛɛ tenten senee nnua a aka, na ne tenten ne ɛho nhahan nti, na obiara hunu.+ 12 Nanso wɔde abufuo tuu n’ase,+ na wɔtoo no twenee asase so maa apueeɛ mframa hyee n’aba.+ Afei wɔbubuu ne poma denden no mu, na ɛwoeɛ.+ Na egya hyeeɛ.+ 13 Na wɔde no kɔduaa serɛ so,+ asase kesee a nsuo nni soɔ so.+ 14 Egya firi ne poma mu baeɛ,+ na ɛhyee ne ho mfefɛeɛ ne n’aba nyinaa. Afei na ɛnni poma a ɛyɛ den, ahempoma, bio.+
“‘Ɛyɛ kwadwom, na ɛbɛyɛ kwadwom.’”+