Asomafoɔ Nnwuma
4 Afei berɛ a wɔn mmienu rekasa akyerɛ nkurɔfoɔ no, asɔfoɔ mpanimfoɔ ne asɔrefie hwɛfoɔ+ no ne Sadukifoɔ+ no baa wɔn so, 2 a wɔn bo afu sɛ wɔrekyerɛkyerɛ nkurɔfoɔ no na wɔde Yesu nhwɛsoɔ no reka owusɔreɛ ho asɛm fann kyerɛ wɔn;+ 3 na wɔkyee wɔn de wɔn kɔguu afiase maa adeɛ kyeeɛ,+ ɛfiri sɛ na enwunu adwo dada. 4 Nanso, wɔn a wɔtiee asɛm no mu pii gye diiɛ,+ na mmarima no dodoɔ bɛduruu bɛyɛ mpemnum.+
5 Adeɛ kyeeɛ no, wɔn sodifoɔ ne mpanimfoɔ ne atwerɛfoɔ no hyiaam wɔ Yerusalem+ 6 (na ɔsɔfo panin Anas+ ne Kaiafa+ ne Yohane ne Aleksandro, ne wɔn mu pii a na wɔyɛ ɔsɔfo panin no abusuafoɔ nso ka ho), 7 na wɔde wɔn gyinaa wɔn mfimfini firii aseɛ bisabisaa wɔn sɛ: “Tumi bɛn anaa hwan din mu na moyɛɛ yei?”+ 8 Ɛnna Petro a honhom kronkron ahyɛ no mã+ no ka kyerɛɛ wɔn sɛ:
“Ɔman atumfoɔ ne mpanimfoɔ, 9 sɛ ɛnnɛ moregyina papa a yɛayɛ ama ɔyarefoɔ so ahwehwɛ yɛn nsɛm mu,+ ahunu deɛ ɛnam ne so na ɔbarima yi ho atɔ no a, 10 ɛnneɛ mo ne nnipa a wɔwɔ Israel nyinaa nhunu sɛ Nasareni+ Yesu Kristo a mobɔɔ no asɛndua mu+ a Onyankopɔn nyanee no firii awufoɔ mu+ no, ɛnam ne so na ɔbarima yi ho atɔ no a ɔgyina mo anim ha yi. 11 Oyi ne ‘ɛboɔ a mo, adansifoɔ, amfa no anyɛ hwee a abɛyɛ tweatiboɔ+ no.’ 12 Bio nso, nkwagyeɛ nni obi foforɔ biara mu, na edin+ foforɔ biara nni ɔsoro ase a wɔde ama nnipa sɛ wɔmfa so nnye yɛn nkwa.”+
13 Afei berɛ a wɔhunuu sɛdeɛ Petro ne Yohane kasa akokoɔduro so, na wɔhunuu sɛ wɔyɛ nnipa a wɔnsuaa nwoma na wɔyɛ mpapahwekwaa+ no, ɛyɛɛ wɔn nwanwa. Na wɔfirii aseɛ hunuu wɔn yie sɛ na wɔka Yesu ho;+ 14 na wɔhwɛɛ ɔbarima a ɔgyina wɔn nkyɛn a ne ho atɔ no no,+ wɔannya hwee anka antia wɔn.+ 15 Enti wɔmaa wɔfirii Sanhedrin asa no so pueeɛ, na wɔfirii aseɛ tuu agyina, 16 kaa sɛ: “Ɛdeɛn na yɛnyɛ saa nnipa yi?+ Ɛfiri sɛ, nokwasɛm nie, sɛnkyerɛnne soronko bi nam wɔn so aba, biribi a ada adie wɔ wɔn a wɔte Yerusalem nyinaa anim;+ na yɛrentumi nnye ho kyim. 17 Nanso, sɛdeɛ ɛbɛyɛ na ankɔ so antrɛ nnipa no mu nti, momma yɛnhunahuna wɔn sɛ wɔnnka edin yi ho asɛm nnkyerɛ onipa biara bio.”+
18 Ɛno nti wɔfrɛɛ wɔn hyɛɛ wɔn sɛ wɔnnkasa na wɔnnkyerɛkyerɛ Yesu din mu wɔ baabiara. 19 Nanso Petro ne Yohane bua see wɔn sɛ: “Sɛ ɛtene Onyankopɔn ani so sɛ yɛtie mo mmom sene Onyankopɔn a, mo ara mommua. 20 Na yɛn mmom deɛ, deɛ yɛateɛ na yɛahunu no, yɛrentumi nnyae ho asɛm ka.”+ 21 Enti, wɔhunahunaa wɔn bio no wɔgyaa wɔn ɛsiane sɛ wɔannya biribiara a wɔbɛgyina so atwe wɔn aso ne afei nkurɔfoɔ no nti,+ ɛfiri sɛ na wɔn nyinaa rehyɛ Onyankopɔn animuonyam wɔ deɛ aba no ho; 22 ná ɔbarima a wɔsaa no yareɛ anwanwakwan soɔ yi adi boro mfeɛ aduanan.
23 Wɔgyaa wɔn no, wɔkɔɔ wɔn mfɛfoɔ nkyɛn+ de deɛ asɔfoɔ mpanimfoɔ ne mpanimfoɔ no aka akyerɛ wɔn no ho amanneɛ kɔbɔɔ wɔn. 24 Wɔtee yei no wɔde akoma korɔ maa wɔn nne so ka kyerɛɛ Onyankopɔn+ sɛ:
“Awurade Tumfoɔ,+ wo na woyɛɛ ɔsoro ne asase ne ɛpo ne deɛ ɛwɔ mu nyinaa,+ 25 na wonam honhom kronkron so faa yɛn agya Dawid a ɔyɛ w’akoa ano so kaa+ sɛ, ‘Adɛn nti na amanaman yɛɛ gyegyeegye na nkurɔfoɔ dwendwenee nsɛnhunu ho?+ 26 Asase so ahemfo sɔre gyinaeɛ na atumfoɔ boom sɔre tiaa Yehowa ne deɛ wasra no no.’+ 27 Ɛno mpo no, Herode ne Pontio Pilato+ ne amanaman mufoɔ ne nkurɔfoɔ a wɔfiri Israel no ka boom ampa wɔ kuro yi mu ko tiaa w’akoa kronkron+ Yesu a wosraa no no,+ 28 sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔbɛyɛ deɛ wo nsa ne w’agyina ahyɛ ato hɔ sɛ ɛbɛba no.+ 29 Afei, Yehowa, hwɛ wɔn ahunahuna no+ na ma wo nkoa nkɔ so mfa akokoɔduro nyinaa nka w’asɛm,+ 30 na tene wo nsa ma nnipa nnya ayaresa na nsɛnkyerɛnne ne anwanwadeɛ+ mfa w’akoa+ kronkron Yesu din+ so mmra.”
31 Berɛ a wɔwiee wɔn adesrɛ no, baabi a wɔhyiaam no wosoeɛ;+ na honhom kronkron hyɛɛ wɔn nyinaa mãmã+ na wɔde akokoɔduro kaa Onyankopɔn asɛm no.+
32 Bio nso, nnipadɔm a wɔagye adie no nyaa akoma ne ɔkra koro,+ na wɔn mu baako mpo anka sɛ biribi a ɔwɔ no yɛ ɔno ara ne dea; na mmom biribiara a wɔwɔ yɛ kwasafodeɛ.+ 33 Afei nso, asomafoɔ no de tumi kɛseɛ kɔɔ so dii Awurade Yesu wusɔreɛ no ho adanseɛ;+ na wɔnyaa adom pii. 34 Nokorɛm no, wɔn mu biara nni hɔ a na biribi hia no;+ ɛfiri sɛ na wɔn a wɔwɔ nsase anaa afie no nyinaa tɔn de deɛ wɔnya no ba 35 na wɔde bɛgu asomafoɔ no nan ase.+ Na wɔn nso kyekyɛ+ ma obiara sɛdeɛ n’ahiadeɛ teɛ. 36 Enti Yosef a asomafoɔ no too ne din Barnaba,+ a asekyerɛ ne Awerɛkyekyerɛ Ba, Lewini a ɔfiri Kipro, 37 a ɔwɔ asase bi no, tɔn de sika no bɛguu asomafoɔ no nan ase.+