Hosea
8 “Fa abɛn tua w’ano!+ Na ɔbɛba Yehowa fie so te sɛ ɔkɔdeɛ,+ ɛfiri sɛ wɔabu m’apam so+ na wɔato me mmara.+ 2 Wɔsu frɛ me sɛ, ‘O yɛn Nyankopɔn, yɛn Israelfoɔ deɛ, wo na yɛnim woɔ.’+
3 “Israel ato papa atwene.+ Enti ma ɔtamfo ntĩ no.+ 4 Wɔasisi ahemfo+ nanso me nsa nnim. Na wɔasisi aberempɔn nanso mennim ho hwee. Wɔde wɔn dwetɛ ne wɔn sika ayeyɛ ahoni,+ enti wɔbɛtwa wɔn afiri hɔ.+ 5 O Samaria, wɔatwa wo nantwie ba no afiri hɔ.+ M’abufuo asɔ wɔ wɔn so.+ Ɛnkɔsi da bɛn na mobɛmane afiri bemdie ho?+ 6 Yei firi Israel.+ Samaria nantwie ba no yɛ odwumfoɔ nsa ano adwuma,+ na ɛbɛbubu pasaa,+ ɛfiri sɛ ɛnyɛ Onyankopɔn.
7 “Wɔdua mframa, na wɔbɛtwa ahum.+ Ayuo biara nnyina hɔ.+ Na deɛ ɛsi hɔ no wɔrennya esiam mfiri mu.+ Na sɛ wɔnya bi mpo a, ahɔhoɔ na wɔbɛdi ne nyinaa.+
8 “Wɔbɛmene Israel.+ Na wɔbɛkɔ amanaman no mu+ te sɛ anwenneɛ bi a obiara mpɛ.+ 9 Wɔkɔ Asiria+ te sɛ serɛ so afunumu a wate ne ho.+ Na Efraim abɔ adɔfo paa.+ 10 Na sɛ wɔbɔ wɔn paa wɔ amanaman+ no mu mpo a, mɛboaboa wɔn ano; na ɔhene ne aberempɔn kɔndua nti, wɔbɛhunu amane kakra.+
11 “Efraim akeka afɔrebukyia abobɔ so de yɛ bɔne.+ Wanya afɔrebukyia bebree de yɛ bɔne.+ 12 Metwerɛɛ me mmara nsɛm pii maa no;+ nanso wɔbuu ne nyinaa adehunu bi.+ 13 Wɔde nam bɔɔ m’ayɛyɛdeɛ afɔdeɛ,+ na wɔdii deɛ Yehowa ani nnye ho.+ Enti ɔbɛkae wɔn amumuyɔ na wabu wɔn bɔne ho atɛn.+ Na wɔsan kɔɔ Egypt.+ 14 Israel werɛ firii ne Yɛfoɔ,+ na ɔsisii abosonnan;+ na Yuda nso kekaa nkuro denden bɔɔ so.+ Enti mɛma egya akɔ ne nkuro so akɔhye emu aban akɛseɛ nyinaa.”+