1 Samuel
19 Akyire yi, Saul ka kyerɛɛ ne ba Yonatan ne ne nkoa nyinaa sɛ ɔpɛ sɛ ɔku Dawid.+ 2 Nanso Saul ba Yonatan deɛ, na ɔpɛ Dawid asɛm yie.+ Enti Yonatan ka kyerɛɛ Dawid sɛ: “Me papa Saul rehwehwɛ wo aku wo. Enti mesrɛ wo hwɛ wo ho yie anɔpa, na tena ahuntaeɛ mu baabi, na fa wo ho sie.+ 3 Na me deɛ, mɛfiri adi akɔgyina me papa nkyɛn wɔ wuram hɔ, baabi a wowɔ no, na me ne me papa bɛkasa ama wo, na mɛhunu deɛ ɛbɛsie na mabɛka akyerɛ wo.”+
4 Ɛno nti Yonatan kaa Dawid ho asɛmpa+ kyerɛɛ ne papa Saul sɛ: “Mma ɔhene nnyɛ n’akoa Dawid bɔne,+ ɛfiri sɛ ɔnyɛɛ wo bɔne bi, na wayɛ nnwuma pa pii ama wo.+ 5 Ɔde ne kra too ne nsam+ kɔkum Filistini+ no maa Yehowa de nkonimdie kɛseɛ gyee+ Israel nyinaa. Wohunuiɛ, na wodii ahurisie. Ɛnneɛ adɛn nti na wopɛ sɛ woyɛ mogya a ɛdi bem bɔne, na wokum+ Dawid kwa?”+ 6 Na Saul tiee Yonatan nne, na Saul kaa ntam sɛ: “Sɛ́ Yehowa te aseɛ yi,+ wɔrenku no.” 7 Ɛnna Yonatan frɛɛ Dawid, na Yonatan kaa nsɛm yi nyinaa kyerɛɛ no. Afei Yonatan de Dawid brɛɛ Saul, na ɔbɛtenaa n’anim sɛ kane no.+
8 Akyire yi, ɛko sii bio, na Dawid firii adi ne Filistifoɔ kɔkoeɛ, na ɔde okunkɛseɛ kunkum wɔn,+ na wɔdwane firii n’anim.+
9 Na Yehowa maa honhom bɔne+ baa Saul so berɛ a ɔte ne fie. Ná pea kura ne nsam, na na Dawid de ne nsa rebɔ nnwom. 10 Na Saul hwehwɛɛ sɛ ɔde pea no wɔ Dawid fam ɛdan ho,+ nanso ɔtwee ne ho+ firii Saul anim maa pea no wɔɔ ɛdan no mu. Ɛnna Dawid dwaneeɛ, na ɔfirii hɔ anadwo no.+ 11 Akyire yi, Saul somaa abɔfoɔ+ sɛ wɔnkɔwɛn Dawid fie na wɔnku no anɔpa,+ nanso Dawid yere Mikal ka kyerɛɛ no sɛ: “Sɛ woamma wo kra annwane anadwo yi a, ɔkyena wɔbɛku wo.” 12 Ɛhɔ ara na Mikal maa Dawid faa mpomma mu sii fam, na ɔfirii adi de mmirika dwaneeɛ.+ 13 Ɛnna Mikal faa terafim honi+ de too mpa no soɔ, na ɔde abirekyie nwi ntoma guu atifi, na ɔde ntoma kataa so.
14 Na Saul somaa abɔfoɔ sɛ wɔnkɔfa Dawid, na ne yere kaa sɛ: “Ɔyare.”+ 15 Ɛnna Saul somaa abɔfoɔ no sɛ wɔnkɔhwɛ Dawid, na ɔkaa sɛ: “Monkɔfa no ne mpa so mmrɛ me, na menku no.”+ 16 Abɔfoɔ no kɔɔ hɔ no, wɔnkɔhwɛ a, terafim honi na ɛda mpa no soɔ yi, na abirekyie nwi ntoma gu atifi. 17 Ɛnna Saul bisaa Mikal sɛ: “Adɛn nti na woadaadaa+ me saa na woama me tamfo+ adwane korɔ?” Na Mikal buaa Saul sɛ: “Ɔno ara na ɔka kyerɛɛ me sɛ, ‘Ma menkɔ! Adɛn nti na woreyɛ ama maku woɔ?’”
18 Dawid deɛ, ɔde mmirika dwaneeɛ,+ na ɔkɔɔ Samuel nkyɛn Rama+ kɔkaa deɛ Saul de ayɛ no nyinaa kyerɛɛ no. Na ɔne Samuel firii hɔ kɔtenaa Naiot.+ 19 Akyire yi, nkurɔfoɔ kɔbɔɔ Saul amanneɛ sɛ: “Hwɛ! Dawid kɔ Naiot wɔ Rama.” 20 Ntɛm ara na Saul somaa abɔfoɔ sɛ wɔnkɔfa Dawid. Berɛ a wɔhunuu adiyifoɔ mpanimfoɔ no sɛ wɔrehyɛ nkɔm na Samuel gyina hɔ rehwɛ wɔn soɔ no, Onyankopɔn honhom+ baa Saul abɔfoɔ no so, na wɔn nso yɛɛ sɛ adiyifoɔ.+
21 Berɛ a wɔbɛka kyerɛɛ Saul no, ɛhɔ ara na ɔsomaa abɔfoɔ foforɔ, na wɔn nso yɛɛ sɛ adiyifoɔ. Enti Saul somaa abɔfoɔ bio, ne mprɛnsa soɔ, na wɔn nso yɛɛ sɛ adiyifoɔ. 22 Ɛnna ɔno nso kɔɔ Rama. Berɛ a ɔkɔduruu abura kɛseɛ a ɛwɔ Seku no ho no, ɔbisaa sɛ: “Ɛhe na Samuel ne Dawid wɔ?” Ɛnna wɔkaa sɛ: “Wɔwɔ Naiot+ wɔ Rama.” 23 Ɔfiri hɔ no, ɔtoaa so kɔduruu Naiot wɔ Rama, na ɔno nso, Onyankopɔn honhom+ baa ne so, na berɛ a ɔrekɔ no, ɔyɛɛ sɛ odiyifoɔ kɔsii sɛ ɔduruu Naiot wɔ Rama. 24 Ɔno nso yii ne ntadeɛ guu hɔ, na ɔno nso yɛɛ sɛ odiyifoɔ wɔ Samuel anim, na ɔde adagya daa hɔ da mũ nyinaa ne anadwo mũ nyinaa.+ Ɛno nti na wɔka sɛ: “Saul nso ka adiyifoɔ no ho anaa?”+