94 O aweredie Nyankopɔn Yehowa,+
O aweredie Nyankopɔn, hyerɛn!+
2 O asase Temmufoɔ, ma wo mu so,+
Bɛtwe ahantanfoɔ aso.+
3 O Yehowa, ɛnkɔsi da bɛn na nnebɔneyɛfoɔ bɛkɔ soɔ,+
Ɛnkɔsi da bɛn na nnebɔneyɛfoɔ bɛkɔ so adi ahurisie?+
4 Wɔworo nsɛm, wɔkeka deɛ wɔpɛ biara;+
Amumuyɔfoɔ no nyinaa hoahoa wɔn ho.+
5 O Yehowa, wo man na wɔbobɔ wɔn pasaa,+
Na w’agyapadeɛ no na wɔhiahia wɔn ho.+
6 Wɔkum okunafoɔ ne ɔhɔhoɔ,+
Na wɔdi agyanka awu.+
7 Wɔkeka sɛ: “Yah ani nhunu;+
Yakob Nyankopɔn nnim deɛ ɛrekɔ soɔ.”+
8 Mo a monni adwene, monnya nteaseɛ;+
Nkwaseafoɔ nso, da bɛn na mobɛnya nhunumu?+
9 Deɛ ɔyɛɛ aso no, ɔrente asɛm anaa?+
Na deɛ ɔyɛɛ ani no, ɔrenhunu adeɛ?+
10 Deɛ ɔtene aman soɔ no, ɔrentumi nka nkurɔfoɔ anim anaa,+
Ɔno a ɔkyerɛ nnipa nimdeɛ no?+
11 Yehowa nim nnipa adwene sɛ ɛte sɛ mframa kɛkɛ.+
12 O Yah, anigyeɛ ne ɔbarima a wotene ne soɔ,+
Na wofiri wo mmara mu kyerɛkyerɛ no+
13 Ma ne ho dwo no mmusuo nna mu,+
Kɔsi sɛ wɔbɛtu amena ama nnebɔneyɛfoɔ.+
14 Yehowa rempo ne man,+
Na ɔrennya n’agyapadeɛ,+
15 Ɛfiri sɛ atemmuo bɛsan asi tenenee kwan so,+
Na akomam teefoɔ nyinaa bɛdi akyire.
16 Hwan na ɔbɛsɔre ne nnebɔneyɛfoɔ adi asie ama me?+
Hwan na ɔbɛsɔre agyina na ɔne amumuyɔfoɔ ako ama me?+
17 Sɛ Yehowa ammoa me a,+
Anka me kra reyɛ akɔ kommyɛ mu.+
18 Sɛ meka sɛ: “Me nan bɛwatiri”+ a,
O Yehowa, w’adɔeɛ na ɛwowa me.+
19 Sɛ me mu dadwene yɛ bebree a,+
W’awerɛkyekyerɛ na ɛma me kra ani gyeɛ.+
20 Ɛbɛyɛ dɛn na ahennwa a ɛde amanehunu ba no atumi ayɛ wo yɔnko,+
Berɛ a ɛnam mmara so de ɔhaw ba no?+
21 Wɔto hyɛ ɔteneneeni kra so,+
Na deɛ ne ho nni asɛm nso, wɔbu ne mogya fɔ.+
22 Nanso Yehowa bɛyɛ m’abantenten,+
Na me Nyankopɔn bɛyɛ me dwankɔbea botan.+
23 Ɔbɛma wɔn amumuyɔsɛm adane aba wɔn so,+
Na wɔn mmusuo na ɔde bɛma wɔaka wɔn ano atom.+
Yɛn Nyankopɔn Yehowa bɛma wɔaka wɔn ano atom.+