Dwom
Wɔde ma dwonkyerɛfoɔ. Dawid dwom, ayeyi dwom.
2 Ɔyii me firii amena a ɛworoɔ mu,+
Atɛkyɛ a ɛpuo mu.+
Na ɔde me nan sii botan so;+
Ɔmaa m’anammɔn timiiɛ.+
3 Na ɔde dwom foforɔ hyɛɛ m’anom;
Ayeyie nka yɛn Nyankopɔn.+
Nnipa pii bɛhunu na wɔasuro,+
Na wɔde wɔn ho ato Yehowa so.+
4 Anigyeɛ ne ɔbarima a ɔde ne ho to Yehowa soɔ+
Na ɔnnane n’ani nkyerɛ asobrakyefoɔ,
Ne wɔn a wɔmane kɔdi atorɔ akyire.+
5 Nneɛma pii na woayɛ ama yɛn,+
O Yehowa me Nyankopɔn, w’anwanwadwuma ne w’adwene;+
Wɔrentumi mfa obiara nto wo ho.+
Sɛ mese mereka ho asɛm na makasa ho a,
Ɛdɔɔso sene deɛ mɛtumi akan.+
10 Mankata wo tenenee so wɔ m’akoma mu.+
Maka wo nokorɛ ne wo nkwagyeɛ ho asɛm.+
Mamfa w’adɔeɛ ne wo nokorɛ anhunta asafo kɛseɛ.”+
12 Mmusuo a wɔnnim ano atwa me ho ahyia.+
Me mfomsoɔ bebree a ɛsene deɛ metumi hunu abu afa me so;+
Ɛdɔɔso sene me tiri nwi,+
Na m’akoma poo me.+
14 Ma wɔn a wɔrehwehwɛ me kra apra akorɔ no nyinaa+
Ani nwu na wɔmfɛre,+
Ma wɔn a wɔpɛ me amanehunu no nsan wɔn akyi na wɔn anim ngu ase.+