Wɔde ma dwonkyerɛfoɔ. Maskil. Dawid dwom; berɛ a Edomni Doeg kɔka kyerɛɛ Saul sɛ Dawid wɔ Ahimelek+ fie no.
52 Otumfoɔ, adɛn nti na wohoahoa wo ho bɔne ho?+
Onyankopɔn adɔeɛ wɔ hɔ daa nyinaa.+
2 Wo kɛtrɛma dwene amumuyɔ ho sɛ yiwan a wɔase ano,+
Nnaadaa nnwuma na ɛyɛ.+
3 Wodɔ bɔne sene papa,+
Na wodɔ nkontompo sene sɛ wobɛka deɛ ɛtene.+ Sela.
4 Amammɔsɛm nko ara na wopɛ,+
O wo, kɛtrɛma nkontomponi.+
5 Onyankopɔn bɛdwiri wo agu afebɔɔ;+
Ɔbɛbɔ wo ahwe fam, na ɔbɛte wo afiri wo ntomadan ho;+
Ɔbɛtutu w’ase afiri ateasefoɔ asase so.+ Sela.
6 Ateneneefoɔ bɛhunu na wɔasuro,+
Na wɔbɛsere no sɛ:+
7 Ɔbarima a ɔmfa Onyankopɔn nyɛ ne dwankɔbea,+
A ɔde ne ho to n’ahonyadeɛ bebrebe soɔ,+
Na ɔde ne werɛ hyɛ amumuyɔdeɛ mu no nie.+
8 Na me deɛ, mɛyɛ sɛ ngodua+ frɔmfrɔm wɔ Onyankopɔn fie;
Mede me ho bɛto Onyankopɔn adɔeɛ so daa daa.+
9 Mɛkamfo wo daa nyinaa, ɛfiri sɛ wo na woayɛ;+
Na mede m’ani bɛto wo din so, ɛfiri sɛ ɛyɛ wɔ w’anokwafoɔ anim.+