Hesekiel
44 Na ɔsan de me baa kronkronbea no pono ano, akyire ponkɛseɛ a ɛkyerɛ apueeɛ fam no,+ nanso na wɔato mu.+ 2 Ɛnna Yehowa ka kyerɛɛ me sɛ: “Ɛpono yi mu bɛto daa. Wɔremmue, na ɔdasani biara remfa mu, ɛfiri sɛ Israel Nyankopɔn+ Yehowa no ara afa mu, enti emu bɛto daa. 3 Nanso ɔberempɔn+ no deɛ, ɔberempɔn a ɔyɛ nti, ɔbɛtena hɔ adidi Yehowa anim.+ Na ɔbɛfa ponkɛseɛ no abrannaa kwan no so aba mu na wafa hɔ afiri adi.”+
4 Afei ɔde me faa ponkɛseɛ a ɛwɔ atifi fam no mu baa Efie no anim sɛ memmɛhwɛ, na mehunuu sɛ Yehowa animuonyam ahyɛ Yehowa fie hɔ mã.+ Na mede m’anim butuu fam.+ 5 Na Yehowa ka kyerɛɛ me sɛ: “Onipa ba, fa w’akoma+ si so, fa w’ani hwɛ, na fa w’aso tie Yehowa fie ho ahyɛdeɛ ne ɛho mmara a mereka akyerɛ woɔ yi nyinaa, na hwɛ kwan a wɔfa so ba Efie hɔ ne deɛ wɔfa so pue firi kronkronbea hɔ nyinaa yie. 6 Na ka kyerɛ Atuateɛ,+ Israel fie, sɛ, ‘Deɛ Awurade Tumfoɔ Yehowa aka nie: “O Israel fie, mo abofonodeɛ no adɔɔso.+ 7 Mode ahɔhoɔ a wɔyɛ akomam momonotofoɔ ne honam mu momonotofoɔ+ ba me kronkronbea hɔ bɛgu ho fĩ, me ara me fie. Na mode m’aduane,+ sradeɛ+ ne mogya,+ bɛbɔ afɔdeɛ, berɛ a mo abofonodeɛ nyinaa nti wɔbu m’apam soɔ no.+ 8 Afei moanhwɛ m’akronkronneɛ so,+ na moamma afoforɔ nso anyɛ me kronkronbea hɔ nnwuma amma me.”’+
9 “‘Deɛ Awurade Tumfoɔ Yehowa aka nie: “Ɔhɔhoɔ biara a ɔte Israelfoɔ mu a ɔyɛ akomam momonotoni anaa honam mu momonotoni biara remma me kronkronbea hɔ.”’+
10 “‘Na Lewifoɔ a wɔtwee wɔn ho firii me ho+ berɛ a Israelfoɔ firii m’akyi kɔdii wɔn abosom fĩ no akyi no mpo bɛsoa wɔn bɔne.+ 11 Na wɔbɛsom wɔ me kronkronbea hɔ ahwɛ Efie no ne n’apono so.+ Wɔn na wɔbɛkum mmoa a wɔde bɛbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ ne afɔdeɛ foforɔ ama ɔman no,+ na wɔbɛgyina wɔn anim asom wɔn.+ 12 Ɛsiane sɛ wɔsom wɔn wɔ wɔn abosom fĩ+ no anim na wɔtoo Israel fie suntidua maa wɔyɛɛ bɔne nti,+ mama me nsa so atia wɔn,+ na wɔbɛsoa wɔn bɔne,’ Awurade Tumfoɔ Yehowa asɛm nie. 13 Wɔrenyɛ asɔfodwuma wɔ m’anim, na wɔremma m’akronkronneɛ ho,+ akronkronneɛ mu adekronkron biara ho, na wɔbɛsoa wɔn animguaseɛ ne wɔn abofonodeɛ.+ 14 Na mɛma wɔahwɛ Efie hɔ ayɛ emu som adwuma nyinaa ne biribiara a ɛsɛ sɛ wɔyɛ wɔ hɔ.’+
15 “‘Na Sadok+ mma Lewi asɔfoɔ+ a wɔhwɛɛ me kronkronbea hɔ berɛ a Israelfoɔ twee wɔn ho firii me ho+ no deɛ, wɔbɛbɛn me abɛsom me na wɔagyina m’anim+ de sradeɛ+ ne mogya+ abɔ afɔdeɛ ama me,’ Awurade Tumfoɔ Yehowa asɛm nie. 16 ‘Wɔbɛba me kronkronbea+ hɔ, na wɔbɛbɛn me pono ho abɛsom me,+ na wɔbɛyɛ adwuma ama me.+
17 “‘Na sɛ wɔba mfimfini hɔ adihɔ no pono ano a, wɔnhyɛ nwera atadeɛ, na biribiara a wɔde kuntu ayɛ nnka wɔn ho berɛ a wɔresom wɔ mfimfini adihɔ no pono ano anaa fie no mu no.+ 18 Wɔmfa nwera abotire mmɔ wɔn ti,+ na wɔnhyɛ nwera twakoto nkata wɔn asene.+ Na ɛnsɛ sɛ wɔde biribiara a ɛbɛma wɔafiri mfifire bɔ wɔn mu. 19 Na sɛ wɔkɔ nnipa no nkyɛn wɔ akyire hɔ adihɔ hɔ a, wɔnyi wɔn ntadeɛ a wɔde someeɛ+ no ngu adidibea+ kronkron no mu na wɔnhyɛ ntadeɛ foforɔ, na wɔamfa wɔn ntadeɛ ankɔte nnipa no ho.+ 20 Ɛnsɛ sɛ wɔwerɛ wɔn tiri ho,+ nanso wɔnnnya nngu so kuhaa. Na mmom wɔmmubu wɔn ti so.+ 21 Ɛnsɛ sɛ ɔsɔfoɔ biara nom nsã ba mfimfini adihɔ hɔ.+ 22 Na ɛnsɛ sɛ wɔware okunafoɔ anaa ɔbaa a ne kunu agyaa no,+ na mmom wɔnware Israel fie mmaabunu+ anaa okunafoɔ a na ne kunu yɛ ɔsɔfoɔ.’
23 “‘Wɔnkyerɛ me man nsonsonoeɛ a ɛda deɛ ɛyɛ kronkron ne deɛ ɛnyɛ kronkron ntam; na wɔmma wɔnhunu nsonsonoeɛ a ɛda deɛ ɛho teɛ ne deɛ ɛho nteɛ ntam.+ 24 Na sɛ asɛm bi sɔre a, wɔnnyina hɔ mmu atɛn;+ m’atemmusɛm so na wɔnnyina mmu atɛn.+ Na wɔnni m’afahyɛ+ nyinaa ho mmara ne ahyɛdeɛ no so na wɔnyɛ me homeda kronkron.+ 25 Ɛnsɛ sɛ ɔkɔ ɔdasani biara funu ho na ne ho angu fĩ, nanso sɛ ɛyɛ ne papa anaa ne maame anaa ne babarima anaa ne babaa anaa ne nuabarima anaa ne nuabaa a ɔnwareeɛ a, ɛnneɛ wɔbɛtumi ama no agu wɔn ho fĩ.+ 26 Sɛ ɔdwira ne ho wie a, wɔnkan nnanson mma no.+ 27 Na da a ɔbɛba kronkronbea hɔ, mfimfini hɔ adihɔ hɔ, abɛsom no, ɔmfa ne bɔne ho afɔrebɔdeɛ mmra,’+ Awurade Tumfoɔ Yehowa asɛm nie.
28 “‘Wɔn agyapadeɛ nie: Mene wɔn agyapadeɛ.+ Mommma wɔn kyɛfa biara wɔ Israel: Mene wɔn kyɛfa. 29 Na aduane afɔdeɛ ne bɔne ho afɔdeɛ ne asodie afɔdeɛ nyinaa, wɔn na wɔbɛdie.+ Na biribiara a wɔahyira so wɔ Israel no bɛyɛ wɔn dea.+ 30 Na aba nyinaa mu deɛ ɛbɛdi kan abereɛ ne mo ntoboa nyinaa mu deɛ ɛdi mũ biara bɛyɛ asɔfoɔ no dea;+ momfa mo ayusiam a ɛdi kan mma ɔsɔfoɔ no,+ na ama nhyira atena mo fie.+ 31 Na ɛnsɛ sɛ asɔfoɔ we aboa funu biara anaa anomaa anaa aboa biara a wɔatete ne mu.’+