Leviticus 2:3 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 3 Na aduane afɔdeɛ a ɛbɛka no yɛ Aaron ne ne mma no dea;+ ɛyɛ akronkronneɛ mu ade kronkron+ a ɛfiri egya afɔdeɛ a wɔbɔ ma Yehowa no mu. Leviticus 6:18 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 18 Aaron mma mmarima+ no nyinaa bɛdi bi. Ɛyɛ wɔn kyɛfa a Yehowa bɛyi afiri egya afɔdeɛ no mu ama wɔn, na ɛbɛyɛ wɔn kyɛfa daa,+ mo awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa mu. Biribiara a ɛbɛkã afɔrebɔdeɛ no bɛyɛ kronkron.’” Leviticus 7:6 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 6 Mmarima asɔfoɔ no nyinaa nwe.+ Wɔnwe no baabi a ɛhɔ yɛ kronkron. Ɛyɛ akronkronneɛ mu ade kronkron.+ 1 Korintofoɔ 9:13 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 13 Monnim sɛ wɔn a wɔyɛ adwuma kronkron no di+ asɔrefie nneɛma no bi, na wɔn a wɔsom+ afɔrebukyia ho daa no ne afɔrebukyia no wɔ kyɛfa? Hebrifoɔ 13:10 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 10 Yɛwɔ afɔrebukyia a wɔn a wɔsom wɔ ntomadan no mu no nni hokwan sɛ wɔdi so biribi.+
3 Na aduane afɔdeɛ a ɛbɛka no yɛ Aaron ne ne mma no dea;+ ɛyɛ akronkronneɛ mu ade kronkron+ a ɛfiri egya afɔdeɛ a wɔbɔ ma Yehowa no mu.
18 Aaron mma mmarima+ no nyinaa bɛdi bi. Ɛyɛ wɔn kyɛfa a Yehowa bɛyi afiri egya afɔdeɛ no mu ama wɔn, na ɛbɛyɛ wɔn kyɛfa daa,+ mo awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa mu. Biribiara a ɛbɛkã afɔrebɔdeɛ no bɛyɛ kronkron.’”
6 Mmarima asɔfoɔ no nyinaa nwe.+ Wɔnwe no baabi a ɛhɔ yɛ kronkron. Ɛyɛ akronkronneɛ mu ade kronkron.+
13 Monnim sɛ wɔn a wɔyɛ adwuma kronkron no di+ asɔrefie nneɛma no bi, na wɔn a wɔsom+ afɔrebukyia ho daa no ne afɔrebukyia no wɔ kyɛfa?