Genesis
4 Afei Adam ne ne yere Hawa daeɛ na ɔnyinsɛn+ woo Kain.+ Na ɔkaa sɛ: “Yehowa aboa me ama mawo ɔbarima.”+ 2 Akyire yi ɔwoo ne nua Habel.+
Habel bɛyɛɛ odwanhwɛfoɔ,+ na Kain nso bɛyɛɛ okuafoɔ.+ 3 Na berɛ bi akyi no, Kain de asase so nnɔbaeɛ+ bɔɔ afɔdeɛ maa Yehowa.+ 4 Na Habel nso de ne nnwan mu mmakan+ no bi ne wɔn sradeɛ+ baeɛ. Yehowa ani sɔɔ Habel ne n’afɔdeɛ no,+ 5 nanso Kain ne n’afɔdeɛ no deɛ, n’ani ansɔ.+ Afei Kain bo fuu+ dendeenden na ɔkunkum n’anim. 6 Ɛnna Yehowa bisaa Kain sɛ: “Ɛdeɛn na ama wo bo afu saa, na adɛn nti na woakunkum w’anim yi? 7 Sɛ wosakra yɛ papa a, w’anim remma nyam anaa?+ Na sɛ woansakra anyɛ papa a, ɛnneɛ bɔne butu w’aboboano, na ɛrehwehwɛ wo;+ adɛn na wonni ne soɔ?”+
8 Yei akyi no, Kain ka kyerɛɛ ne nua Habel sɛ: “Ma yɛnkɔ wuram.” Na wɔwɔ hɔ no, Kain to hyɛɛ ne nua Habel so kum no.+ 9 Ɛnna Yehowa bisaa Kain sɛ: “Wo nua Habel wɔ he?”+ Na ɔbuaa sɛ: “Mennim baabi a ɔwɔ. Adɛn, me na mehwɛ me nua no so anaa?”+ 10 Ɛnna ɔkaa sɛ: “Hwɛ, ɛdeɛn na woayɛ yi? Tie! Wo nua no mogya firi asase so reteam frɛ me.+ 11 Enti wɔadome wo atwa wo asu+ asase a ɛbuee n’anom gyee wo nua mogya firii wo nsam+ no so. 12 Sɛ wodɔ asase a, ɛremma wo n’ahoɔden.+ Wobɛyɛ kobɔfoɔ abɔ asesa wɔ asase so.”+ 13 Ɛnna Kain ka kyerɛɛ Yehowa sɛ: “Me bɔne ho asotwe sõ ma me sɛ mɛsoa. 14 Hwɛ, woretwa me asu nnɛ da yi afiri asase so, na worepamo me afiri w’anim;+ mɛyɛ kobɔfoɔ+ abɔ asesa wɔ asase so, na obiara a ɔbɛhu me no bɛku me.”+ 15 Afei Yehowa ka kyerɛɛ no sɛ: “Ɛno nti obiara a ɔbɛku Kain no bɛnya so akatua mprɛ nson.”+
Na Yehowa yɛɛ sɛnkyerɛnne bi maa Kain na obiara a ɔbɛhu no no anku no.+ 16 Afei Kain firii Yehowa anim+ kɔtenaa “Ɔkobɔfoɔ asase” so wɔ Eden apueeɛ.
17 Akyire yi, Kain ne ne yere+ daeɛ na ɔnyinsɛn woo Enok. Na ɔkyekyeree kuro bi de ne ba Enok din too so.+ 18 Afei Enok woo Irad, na Irad woo Mehuyael, na Mehuyael woo Metusael, na Metusael woo Lamek.
19 Na Lamek waree mmaa mmienu. Deɛ ɔdi kan no din de Ada, na deɛ ɔtɔ so mmienu no din de Sila. 20 Akyire yi Ada woo Yabal. Na ɔbɛyɛɛ wɔn a wɔte ntomadan mu+ ne mmoayɛnfoɔ+ agya. 21 Na ne nua din de Yubal. Ɔbɛyɛɛ asankubɔfoɔ+ ne mmɛnhyɛnfoɔ+ nyinaa agya. 22 Sila nso woo Tubal-Kain a na ɔyɛ ɔtomfoɔ a ɔde kɔbere ne nnadeɛ+ yɛ nneɛma. Na Tubal-Kain nuabaa din de Naama. 23 Afei Lamek nwenee nsɛm yi maa ne yerenom Ada ne Sila sɛ:
“Montie me, Lamek yerenom;
Monwɛn mo aso ntie me nsɛm:
Makum deɛ ɔpiraa me no,
Aane, aberanteɛ a ɔbɔɔ me no.
24 Sɛ wɔtua Kain wuo so ka mprɛ nson+ a,
Ɛnneɛ wɔbɛtua Lamek wuo so ka mprɛ aduɔson nson.”
25 Na Adam san ne ne yere daeɛ na ɔwoo ɔbabarima too ne din Set,+ na ɔkaa sɛ: “Onyankopɔn ama me ɔba foforɔ de asi Habel a Kain kuu+ no no anan.” 26 Na Set nso woo ɔbabarima na ɔtoo ne din Enos.+ Saa berɛ no na wɔfirii aseɛ bɔɔ Yehowa din.+