Asomafoɔ Nnwuma
15 Nnipa bi firi Yudea baeɛ,+ na wɔfirii aseɛ kyerɛkyerɛɛ anuanom no sɛ: “Sɛ wɔantwa mo twetia+ sɛdeɛ Mose amanneɛ no teɛ+ a, montumi nnya nkwa.” 2 Berɛ a akasakasa ne akyinnyegyeɛ a emu yɛ den kɔɔ so wɔ wɔne Paulo ne Barnaba ntam no, wɔyɛɛ nhyehyɛeɛ sɛ Paulo ne Barnaba ne wɔn mu binom nkɔhunu asomafoɔ no ne mpanimfoɔ a wɔwɔ Yerusalem+ no wɔ akyinnyegyeɛ yi ho.
3 Afei berɛ a asafo no gyaa mmarima yi kwan kakra+ no, wɔkɔfaa Foinike ne Samaria kaa amanaman mufoɔ no adwensakra ho asɛm pii kyerɛeɛ,+ na ɛmaa anuanom no nyinaa ani gyeeɛ.+ 4 Berɛ a wɔduruu Yerusalem no, asafo no ne asomafoɔ no ne mpanimfoɔ no gyee wɔn fɛ so,+ na wɔkaa nneɛma bebree a Onyankopɔn nam wɔn so ayɛ no kyerɛɛ wɔn.+ 5 Nanso, ebinom a wɔfiri Farisifoɔ fekuo mu a wɔagye adie no sɔre firii wɔn nkonnwa so kaa sɛ: “Ɛhia sɛ wɔtwa wɔn twetia+ na wɔhyɛ wɔn sɛ wɔnni Mose mmara no so.”+
6 Na asomafoɔ no ne mpanimfoɔ no hyiaa sɛ wɔrebɛhwɛ asɛm yi aka.+ 7 Afei berɛ a akyinnyegyeɛ+ pii sɔreeɛ no, Petro sɔre ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Mmarima, anuanom, monim pefee sɛ mfitiaseɛ pɛɛ na Onyankopɔn hwɛɛ mo mu yii me sɛ amanaman mufoɔ mfa m’anom asɛm so nte asɛmpa no na wɔnnye nni;+ 8 na Onyankopɔn a ɔnim deɛ ɛwɔ akomam+ no maa wɔn honhom kronkron de dii adanseɛ,+ sɛdeɛ ɔyɛ maa yɛn no. 9 Na wamma nsonsonoeɛ biara anna yɛne wɔn ntam,+ na mmom ɔnam gyidie so tee wɔn akoma ho.+ 10 Ɛnneɛ afei, adɛn nti na mode kɔndua+ a yɛne yɛn agyanom antumi ansoa reto asuafoɔ no kɔn so de asɔ Onyankopɔn ahwɛ?+ 11 Nanso yɛwɔ ahotɔsoɔ sɛ yɛnam Awurade Yesu adom+ so bɛnya nkwa te sɛ nnipa yi ara.”+
12 Ɛnna nnipadɔm no nyinaa yɛɛ komm, na wɔfirii aseɛ tiee Barnaba ne Paulo maa wɔkaa nsɛnkyerɛnne ne anwanwadeɛ bebree a Onyankopɔn nam wɔn so yɛɛ no amanaman mu no kyerɛɛ wɔn.+ 13 Wɔkasa wieeɛ no, Yakobo buaa sɛ: “Mmarima, anuanom, montie me.+ 14 Simeon+ akyerɛkyerɛ mu fann sɛdeɛ Onyankopɔn danee n’ani baa amanaman no so deɛ ɛdi kan yii nnipa bi firii wɔn mu maa ne din no.+ 15 Yei ne Adiyifoɔ no nsɛm hyia sɛdeɛ wɔatwerɛ sɛ, 16 ‘Yeinom akyi no, mɛsan aba abɛsi Dawid sese a ahwe aseɛ no; na mɛsan asi deɛ adwiri aguo no na mama so asi hɔ bio,+ 17 na ama nnipa a aka no ne amanaman mufoɔ nyinaa, nnipa a me din da wɔn soɔ no, ahwehwɛ Yehowa dendeenden, Yehowa a ɔreyɛ nneɛma yi asɛm nie,+ 18 na wɔnim firi tete.’+ 19 Enti m’asɛm ne sɛ ɛnsɛ sɛ wɔha wɔn a wɔfiri amanaman mu reba Onyankopɔn nkyɛn+ no, 20 na mmom wɔntwerɛ nkɔma wɔn sɛ wɔntwe wɔn ho mfiri nneɛma a abosom+ agu ho fĩ ne adwamammɔ+ ne mmoa a wɔakum wɔn a wɔanhwie wɔn mogya anguo+ ne mogya+ ho. 21 Na ɛfiri tete mmerɛ mu na Mose anya wɔn a wɔka ne ho asɛm wɔ nkuro nkuro soɔ, ɛfiri sɛ wɔkenkan ne nsɛm den wɔ hyia adan mu homeda biara.”+
22 Afei asomafoɔ no ne mpanimfoɔ no ne asafo mũ no nyinaa hunuu sɛ ɛyɛ sɛ wɔyi wɔn mu bi ka Paulo ne Barnaba ho kɔ Antiokia; wɔne Yuda a wɔfrɛ no Barsaba+ ne Silas, mmarima a wɔyɛ atitire wɔ anuanom mu; 23 na wɔde wɔn nsa twerɛɛ sɛ:
“Anuanom asomafoɔ ne mpanimfoɔ no de kɔma anuanom a wɔwɔ Antiokia+ ne Siria ne Kilikia+ a wɔfiri amanaman mu: Yɛkyea mo! 24 Ɛsiane sɛ yɛate sɛ yɛn mu bi de nsɛm reteetee mo+ pɛ sɛ wɔsɛe mo adwene berɛ a yɛmmaa wɔn akwankyerɛ biara+ nti, 25 yɛayɛ adwenkorɔ+ na ɛyɛ yɛn anigye sɛ yɛbɛyi mmarima aka yɛn adɔfo Barnaba ne Paulo+ ho aba mo nkyɛn, 26 mmarima a wɔatu wɔn kra asi hɔ ama yɛn Awurade Yesu Kristo din.+ 27 Enti yɛresoma Yuda ne Silas,+ sɛ wɔn nso mfa wɔn ano mmɛka asɛm korɔ no ara.+ 28 Na honhom kronkron+ no ne yɛn ara nso mpɛ sɛ yɛde adesoa+ foforɔ biara to mo soɔ, gye yeinom a ɛhia yi, 29 sɛ montwe mo ho mfiri nneɛma a wɔde abɔ afɔdeɛ ama abosom+ ne mogya+ ne mmoa a wɔakum wɔn a wɔanhwie wɔn mogya anguo+ ne adwamammɔ+ ho. Sɛ motwe mo ho koraa firi yeinom ho+ a, ɛbɛsi mo yie. Asomdwoeɛ nka mo!”
30 Enti, berɛ a wɔgyaa mmarima yi kwan no, wɔkɔɔ Antiokia, na wɔfrɛɛ nnipa no boaa wɔn ano de krataa no maa wɔn.+ 31 Wɔkenkan wieeɛ no, wɔdii ahurisie wɔ nkuranhyɛsɛm no ho.+ 32 Na ɛsiane sɛ Yuda ne Silas nso yɛ adiyifoɔ+ nti, wɔkaa nsɛm pii de hyɛɛ wɔn nkuran na wɔhyɛɛ wɔn den.+ 33 Enti, berɛ a wɔdii berɛ kakra no, anuanom gyaa wɔn kwan asomdwoeɛ mu+ kɔɔ wɔn a wɔsomaa wɔn no nkyɛn. 34 —— 35 Nanso Paulo ne Barnaba kɔɔ so tenaa Antiokia,+ na wɔkyerɛkyerɛeɛ na wɔkaa Yehowa asɛmpa+ no, na na afoforɔ pii nso ka wɔn ho.
36 Na nna bi akyi no, Paulo ka kyerɛɛ Barnaba sɛ: “Afei ma yɛnsan nkɔ anuanom nkyɛn wɔ kuro biara a yɛkaa Yehowa asɛm wom no mu nkɔhwɛ sɛdeɛ wɔn ho teɛ.”+ 37 Barnaba deɛ, na wabɔ ne tirim sɛ ɔde Yohane a wɔfrɛ no Marko+ no bɛka wɔn ho. 38 Nanso Paulo susuu sɛ ɛsiane sɛ ɔgyaa wɔn hɔ wɔ Pamfilia+ na ɔne wɔn ankɔyɛ adwuma no nti, ɛnyɛ papa sɛ wɔde no bɛka wɔn ho. 39 Yei de akasakasa a emu yɛ den baeɛ maa wɔdii mpaepaemu; Barnaba+ faa Marko kaa ne ho na wɔfaa po so hyɛn de kɔɔ Kipro.+ 40 Paulo faa Silas,+ na berɛ a anuanom de no hyɛɛ Yehowa adom+ aseɛ no, wɔfirii hɔ kɔeɛ. 41 Na ɔkɔfaa Siria ne Kilikia hyehyɛɛ asafo ahodoɔ no den.+