Hiob
3 Wokaa sɛ, ‘Hwan ne oyi a ɔdane afotuo ani, a nimdeɛ nnim yi?’+
Enti mekasaa berɛ a mente aseɛ,
Ɛfiri sɛ ɛyɛ nneɛma a ɛyɛ nwanwa dodo ma me, nneɛma a mennim.+
5 Wo ho asɛm kɛkɛ na meteeɛ,
Na afei deɛ m’ani ahu wo.
7 Ɛbaa sɛ, Yehowa kaa nsɛm yi kyerɛɛ Hiob wieeɛ no, Yehowa ka kyerɛɛ Elifas a ɔfiri Teman no sɛ:
“Me bo afu wo ne wo nnamfo mmienu+ no kɛse, ɛfiri sɛ moanka me ho nokwasɛm+ te sɛ m’akoa Hiob. 8 Enti momfa anantwinini nson ne adwennini nson,+ na monkɔ m’akoa Hiob hɔ,+ na mommɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ mma mo ho; na m’akoa Hiob na ɔbɛbɔ mpaeɛ ama mo.+ Ɔno nko ara na mɛhwɛ n’anim, na mangu mo anim ase, mo nkwaseasɛm nti, ɛfiri sɛ moanka me ho nokwasɛm te sɛ m’akoa Hiob.”+
9 Ɛnna Elifas a ɔfiri Teman ne Bildad a ɔfiri Suha ne Sofar a ɔfiri Naama no kɔyɛɛ deɛ Yehowa aka akyerɛ wɔn no pɛpɛɛpɛ; na Yehowa hwɛɛ Hiob anim.
10 Berɛ a Hiob bɔɔ mpaeɛ maa ne nnamfo no,+ Yehowa nso maa Hiob amanehunu no baa awieeɛ,+ na Yehowa de deɛ ɛyɛ Hiob dea nyinaa bɔɔ ho mmienu maa no.+ 11 Ɛnna ne nua mmarima nyinaa ne ne nua mmaa nyinaa ne wɔn a wɔnim no dada nyinaa dii ne nkyɛn akɔneaba,+ na wɔne no didii+ wɔ ne fie, na wɔgyam no, kyekyeree ne werɛ wɔ mmusuo a Yehowa ama kwan ama aba ne soɔ no nyinaa ho; na wɔn mu biara kyɛɛ no sika ne sika kawa.
12 Na Yehowa hyiraa+ Hiob awieeɛ senee ne mfitiaseɛ,+ maa no nyaa nnwan mpem dunan ne yoma mpemnsia ne anantwie mpamho apem ne mfunumu abereɛ apem. 13 Ɔnyaa mma mmarima nson ne mma mmaa mmiɛnsa nso.+ 14 Ɔfrɛɛ deɛ ɔdi kan no Yemaima, deɛ ɔtɔ so mmienu no, ɔfrɛɛ no Kesia, na ɔfrɛɛ deɛ ɔtɔ so mmiɛnsa no nso Keren-Hapuk. 15 Na wɔanhunu mmaa a wɔn ho yɛ fɛ sɛ Hiob mma mmaa no wɔ asase no nyinaa so, na wɔn papa memaa wɔn agyapadeɛ wɔ wɔn nua mmarima mu.+
16 Ɛno akyi no Hiob tenaa ase mfeɛ ɔha aduanan,+ na ɔhunuu ne mma ne ne mmanana+ kɔsii awoɔ ntoatoasoɔ a ɛtɔ so nnan so. 17 Na Hiob wuiɛ; na wabɔ akora na na wadi nna amee.+