Hesekiel
25 Na Yehowa san ka kyerɛɛ me sɛ: 2 “Onipa ba, fa w’ani kyerɛ Ammonfoɔ na hyɛ wɔn ho nkɔm.+ 3 Na ka kyerɛ Ammonfoɔ sɛ, ‘Montie Awurade Tumfoɔ Yehowa asɛm. Deɛ Awurade Tumfoɔ Yehowa aka nie: “Ɛsiane sɛ wokaa sɛ Ahaa! berɛ a wɔhuraa me kronkronbea ho, ne berɛ a Israel asase danee amamfõ, ne berɛ a Yuda fie kɔɔ nkoasom mu nti,+ 4 mede wo bɛma Apueeɛ Famfoɔ ama wɔadi wo so,+ na wɔbɛba abɛkyekyere wɔn asoɛeɛ na wɔasisi wɔn ntomadan wɔ w’asase so. Na wɔbɛdi wo nnɔbaeɛ anom wo nufosuo.+ 5 Mɛma Raba+ adane yoma adidibea na Ammon adane nnwan ahomegyebea;+ na mobɛhunu sɛ mene Yehowa.”’”+
6 “Deɛ Awurade Tumfoɔ Yehowa aka nie, ‘Ɛsiane sɛ wobɔɔ wo nsam+ de wo nan pempem hɔ dii ahurisie na wode wo kra nyinaa dii Israel asase ho fɛ nti,+ 7 me nso mewɔ hɔ; matene me nsa wo so,+ na mede wo bɛma amanaman sɛ asadeɛ; mɛtwa wo afiri aman mu na matɔre w’ase afiri nsase so.+ Mɛsɛe wo+ na woahunu sɛ mene Yehowa.’
8 “Deɛ Awurade Tumfoɔ Yehowa aka nie, ‘Ɛsiane sɛ Moab+ ne Seir+ kaa sɛ: “Yuda fie te sɛ aman a aka no nyinaa”+ nti, 9 mɛma Moab kokoɔ ho ada hɔ wɔ nkuro no mu, nkuro a ɛwɔ n’ahyeɛ so, asase a ɛso yɛ fɛ sene asase biara, Bet-Yesimot+ ne Baal-Meon+ kɔsi Kiriataim.+ 10 Mede bɛka Ammon+ ho ama Apueeɛ Famfoɔ+ adi so na wɔankae+ Ammonfoɔ bio wɔ aman no mu. 11 Na mɛbu atɛn wɔ Moab,+ na wɔbɛhunu sɛ mene Yehowa.’+
12 “Deɛ Awurade Tumfoɔ Yehowa aka nie, ‘Ɛsiane sɛ Edom tɔɔ Yuda fie so werɛ na wɔyɛɛ wɔn bɔne kɛse saa kwan no soɔ nti,+ 13 deɛ Awurade Tumfoɔ Yehowa aka nie: “Me nso mɛtene me nsa wɔ Edom+ so na matwa nnipa ne nyɛmmoa+ afiri asase no so, na ɛfiri Teman+ kɔsi Dedan+ nyinaa, mɛma no adane amamfõ. Nkrantɛ ano na wɔbɛwuwuo. 14 ‘Na menam me man Israel so bɛbu Edom atɛn;+ na m’abufuo ne m’anibereɛ so na wɔne Edom bɛdie; na wɔbɛhunu sɛdeɛ m’atemmuo teɛ,+ Awurade Tumfoɔ Yehowa asɛm nie.”’
15 “Deɛ Awurade Tumfoɔ Yehowa aka nie, ‘Ɛsiane sɛ Filistifoɔ tɔɔ wɔn so werɛ+ na wɔn kra yii wɔn ahi, na wɔtan+ wɔn daa pɛɛ sɛ wɔsɛe wɔn nti,+ 16 deɛ Awurade Tumfoɔ Yehowa aka nie: “Mɛtene me nsa wɔ Filistifoɔ+ so na matwa Keretifoɔ+ afiri hɔ, na masɛe mpoano fã a aka no.+ 17 Na mede anibereɛ kɛseɛ bɛbu wɔn atɛn m’abufuo mu,+ na sɛ mebu wɔn atɛn a, wɔbɛhunu sɛ mene Yehowa.”’”+