49Deɛ Yehowa aka akyerɛ Ammonfoɔ+ nie: “Israel nni mma, anaa ɔnni ɔdedifoɔ? Adɛn nti na Malkam+ afa Gad+ na ne nkurɔfoɔ akɔtenatena Israel nkuro+ mu yi?”
13 “Deɛ Yehowa aka nie, ‘“Ammon+ bɔne a ɛtɔ so mmiɛnsa ne deɛ ɛtɔ so nnan nti, merentwe nsan,+ ɛfiri sɛ wɔpaepaee Gilead mmaa a wɔnyem mu de trɛɛ wɔn ahyeɛ mu.+
9 Enti sɛ mete aseɛ yi,”+ asafo Yehowa Israel Nyankopɔn asɛm nie, “Moab bɛyɛ sɛ Sodom+ na Ammon+ ayɛ sɛ Gomora; ɛbɛyɛ nsansono asase ne nkyene amena ne amamfõ akɔsi daa.+ Na me nkurɔfoɔ a aka no bɛfom wɔn afa na me man nkaefoɔ adi wɔn so.+