2 Korintofoɔ
3 Yɛrefiri aseɛ bio adi yɛn ho adanseɛ anaa?+ Anaasɛ ɛhia sɛ yɛde adansedie nkrataa+ brɛ mo anaa yɛnya bi firi mo hɔ, sɛdeɛ ebinom yɛ no? 2 Mo ara mone yɛn krataa+ a wɔatwerɛ no yɛn akoma so a nnipa nyinaa hunu na wɔkan.+ 3 Na ada adi sɛ moyɛ Kristo krataa a yɛatwerɛ sɛ asomfoɔ,+ deɛ yɛamfa adubire antwerɛ, na mmom wɔde Onyankopɔn teasefoɔ no honhom+ na ɛtwerɛeɛ, a ɛnyɛ aboɔpono+ so, na mmom honam apono so, akoma so.+
4 Afei yɛnam Kristo so anya saa ahotɔsoɔ+ yi Onyankopɔn mu. 5 Ɛnyɛ sɛ yɛn ara yɛfata sɛ yɛsusu sɛ biribi firi yɛn,+ na mmom Onyankopɔn na ɔma yɛfata,+ 6 na ɔno na wama yɛafata sɛ apam foforɔ asomfoɔ,+ ɛnyɛ mmara a wɔatwerɛ,+ na mmom honhom deɛ;+ ɛfiri sɛ mmara a wɔatwerɛ bu fɔ+ kɔ owuo mu, na honhom deɛ, ɛma nkwa.+
7 Afei nso sɛ mmara a ɛde owuo ba+ a wɔkurukyiree no aboɔ so+ no mpo baa animuonyam mu,+ maa enti Israel mma antumi annyene wɔn ani anhwɛ Mose anim ɛsiane n’anim animuonyam+ a na ɛbɛtwam no nti a, 8 ɛbɛyɛ dɛn na honhom a wɔde ma+ no rennya animuonyam a ɛkyɛn saa?+ 9 Na sɛ mmara apam a ɛde afobuo ba+ no yɛ animuonyam+ a, ɛnneɛ na deɛ ɛde tenenee ba+ no wɔ animuonyam a ɛkyɛn saa koraa.+ 10 Nokorɛm no, deɛ na wɔahyɛ no animuonyam no mpo, wɔayi ne ho animuonyam+ no, animuonyam a ɛkyɛn saa+ no nti. 11 Na sɛ deɛ ɛretwam no mpo de animuonyam baeɛ+ a, ɛnneɛ na deɛ ɛtena hɔ no bɛnya animuonyam a ɛkyɛn saa koraa.+
12 Enti berɛ a yɛwɔ anidasoɔ+ a ɛte saa no, yɛkasa ahotɔsoɔ mu, 13 na yɛanyɛ sɛ berɛ a Mose de adeɛ kataa n’anim+ sɛdeɛ ɛbɛyɛ a Israel mma rennyene wɔn ani nhwɛ deɛ na ɛbɛtwam no awieeɛ.+ 14 Mmom no, wɔn adwene ano kumiiɛ.+ Na ɛde bɛsi nnɛ no, sɛ wɔkenkan apam dada no a, nkatanimu no da so ara wɔ hɔ a wɔnnya nyiiɛ,+ ɛfiri sɛ ɛnam Kristo so na ɛbɛtwam.+ 15 Nokwasɛm ne sɛ, ɛde bɛsi nnɛ no, berɛ biara a wɔbɛkan Mose nsɛm no,+ nkatanimu da so kata wɔn akoma so.+ 16 Na sɛ wɔdane ba Yehowa nkyɛn a, wɔyi nkatanimu no.+ 17 Na Yehowa yɛ Honhom;+ na faako a Yehowa+ honhom+ wɔ no, ahofadie wɔ hɔ.+ 18 Na berɛ a yɛn+ nyinaa de yɛn anim a yɛnkataeɛ no da Yehowa animuonyam adi+ sɛ ahwehwɛ no, wɔsakra yɛn+ kɔ suban korɔ no ara mu+ firi animuonyam mu kɔ animuonyam mu,+ sɛdeɛ Yehowa a ɔyɛ Honhom no yɛ no pɛpɛɛpɛ+ no.