Hosea
10 “Israel yɛ bobe a ɛresɛeɛ;+ ɔso aba pii.+ Nanso berɛ a n’aba redɔɔso no, ɔma n’afɔrebukyia nso dɔɔso.+ Berɛ a n’asase redi yie no, na wɔresisi abosom adum a ɛyɛ fɛ.+ 2 Wɔn akoma yɛ nyaatwom,+ enti wɔbɛbu wɔn fɔ.
“Obi bɛba abɛbubu wɔn afɔrebukyia na wasɛe wɔn abosom adum no.+ 3 Afei wɔbɛka sɛ, ‘Yɛnni hene,+ ɛfiri sɛ yɛnsuro Yehowa. Na ɔhene mpo, ɛdeɛn na ɔbɛyɛ ama yɛn?’
4 “Wɔkeka nsɛnhunu ne ntanhunu,+ na wɔyeyɛ apam,+ na atemmuo afifi te sɛ awuduro a atrɛ wɔ afuo mu akofie so.+ 5 Bet-Awen nantwie ba honi+ no nti Samariafoɔ bɛbɔ hu, na kurom hɔfoɔ ne n’akɔmfoɔ a na wɔdi n’animuonyam ho ahurisie no bɛdi awerɛhoɔ, ɛfiri sɛ wɔbɛtu afiri hɔ akɔ nkoasom mu.+ 6 Obi de bɛkɔ Asiria akɔkyɛ ɔhenkɛseɛ no.+ Na Efraim ani bɛwu+ na Israel anim agu ase wɔ n’agyinatuo ho.+ 7 Wɔbɛtwa Samaria ne ne hene afiri hɔ+ te sɛ abaa sini bi a ɛda nsuo ani. 8 Na Bet-Awen sorɔnsorɔmmea+ a ɛde Israel bɔne baeɛ no,+ wɔbɛsɛe no. Nkasɛɛ ne nnɛnkyɛmse+ bɛfifi wɔn afɔrebukyia so.+ Na nnipa bɛka akyerɛ mmepɔ sɛ, ‘Monkata yɛn so!’ ne nkokoɔ sɛ, ‘Mommɛgu yɛn so!’+
9 “O Israel, woayɛ bɔne+ firi Gibea berɛ so.+ Ɛhɔ ara na wogyinaeɛ. Ɛko a wɔde baa asoɔden mma so wɔ Gibea no ansɛe wɔn koraa.+ 10 Berɛ a mepɛ no, mɛtwe wɔn aso.+ Na aman bɛboa wɔn ano aba wɔn so berɛ a mede wɔn bɔne mmienu no ayɛ kɔndua ato wɔn soɔ no.+
11 “Ná Efraim yɛ nantwie a wɔatete no a ɔpɛ ayuporeɛ;+ na metwaam faa ne kɔn fɛfɛ no so. Na mɛma obi atena Efraim so.+ Yuda bɛfɛntɛm+ na Yakob afuntum+ ama no. 12 Mongu aba wɔ tenenee mu,+ na montwa no adɔeɛ mu.+ Seesei a mowɔ berɛ a mode bɛhwehwɛ Yehowa yi, monnɔ afusase+ nkɔsi sɛ ɔbɛba+ abɛkyerɛkyerɛ mo wɔ tenenee mu.+
13 “Moafɛntɛm amumuyɔ,+ na moatwa bɔne.+ Moadi nnaadaa aba,+ ɛfiri sɛ mode mo ho too mo kwan so,+ mo nnɔmmarima dodoɔ so.+ 14 Na wo nkurɔfoɔ bɛyɛ hagyahagya,+ na wɔbɛsɛe wo nkuro denden nyinaa,+ sɛdeɛ Salman sɛee Arbel fie wɔ ɛko berɛ mu, berɛ a wɔtetee ɔbaatan mu kaa ne mma ho no.+ 15 Saa ara na wɔbɛyɛ mo, Betelfoɔ, ɛfiri sɛ mo bɔne dɔɔso dodo.+ Na ahemadakye na wɔbɛtwa Israel hene afiri hɔ.”+