Sakaria
11 “O Lebanon,+ bue w’apono na egya nhye wo ntweneduro.+ 2 O popaw dua, twa adwo, ɛfiri sɛ tweneduro ahwe ase, na akunini asɛe!+ Basan nnupɔn, montwa adwo, ɛfiri sɛ kwaeɛbirentuo ahwe fam!+ 3 Montie! Nnwanhwɛfoɔ retwa adwo,+ ɛfiri sɛ wɔn animuonyam asɛe.+ Montie! Agyata bobom, ɛfiri sɛ Yordan adɔtɔ, n’ahohoahoadeɛ no, asɛe.+
4 “Deɛ Yehowa me Nyankopɔn aka nie, ‘Hwɛ nnwan a wɔrebɛku wɔn no so,+ 5 na wɔn a wɔtɔ wɔn no ku+ wɔn, nanso wɔfa wɔn ho di.+ Na wɔn a wɔtɔn+ wɔn no ka sɛ: “Nhyira nka Yehowa, ɛfiri sɛ mɛnya me ho.”+ Na wɔn ahwɛfoɔ nhu wɔn mmɔbɔ.’+
6 “‘Afei merenhu asase no sofoɔ mmɔbɔ+ bio. Na mede ɔdasani bɛhyɛ ne yɔnko nsa,+ ne ne hene nsa.+ Na wɔbɛsɛe asase no pasaa, na merennye obiara mfiri wɔn nsam,’+ Yehowa asɛm nie.”
7 Na mehwɛɛ nnwan+ a wɔrebɛku wɔn+ no so, O nnwan a mo asɛm yɛ mmɔbɔ,+ mehwɛɛ mo so. Na mefaa poma+ mmienu. Metoo baako din Anisɔ,+ na metoo deɛ aka no din Nkabɔm,+ na mehwɛɛ nnwan no so. 8 Afei meyii nnwanhwɛfoɔ mmiɛnsa firii hɔ wɔ bosome baako mu,+ ɛfiri sɛ me kra annya wɔn ho akoma bio.+ Na me nso me ho yɛɛ wɔn kra abofono. 9 Afei mekaa sɛ: “Merenhwɛ mo so bio.+ Deɛ ɔrewuo no nwu. Na deɛ ɔresɛe no nsɛe.+ Na wɔn a aka no, obiara nwe ne yɔnko nam.”+ 10 Enti mefaa me poma a ɛde Anisɔ+ no twitwaa mu;+ meyɛɛ saa de twaa apam a me ne ɔman no nyinaa ayɛ no mu.+ 11 Afei emu twaa saa da no, na berɛ a nnwan a wɔayɛ mmɔbɔ+ no hunuu+ deɛ mereyɛ no, wɔhunuu sɛ ɛyɛ Yehowa asɛm.
12 Ɛnna meka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Sɛ ɛyɛ wɔ mo ani so a,+ momfa m’akatua mma me, na sɛ ɛnte saa a, monnyae.” Enti wɔde nnwetɛbena aduasa+ tuaa me ka.
13 Na Yehowa ka kyerɛɛ me sɛ: “To gu akoraeɛ hɔ+—animuonyam boɔ a wɔatwa ato me soɔ no.”+ Enti metoo nnwetɛbena aduasa no guu Yehowa fie akoraeɛ hɔ.+
14 Afei metwitwaa me poma a ɛtɔ so mmienu a ɛde Nkabɔm+ no mu de sɛee Yuda ne Israel+ ntam onuayɛ no.+
15 Na Yehowa ka kyerɛɛ me bio sɛ: “San fa odwanhwɛfoɔ a ne so nni mfasoɔ+ no adwinnadeɛ no. 16 Na mɛma odwanhwɛfoɔ bi aba asase no so.+ Na nnwan a wɔresɛe no, ɔrenhwɛ wɔn.+ Nnwan nkumaa no, ɔrenhwehwɛ wɔn; na wɔn a wɔapirapira no, ɔrensa wɔn yareɛ.+ Wɔn a wɔgyina wɔn nan soɔ no, ɔremma wɔn aduane; na wɔn a wɔadɔ sradeɛ no, ɔbɛwe+ wɔn nam na wapaepae wɔn ntɔte mu.+ 17 Me dwanhwɛfoɔ hunu+ a wagya nnwan no+ nnue! Nkrantɛ bɛba ne basa ne n’ani nifa so. Ne basa bɛwu+ na n’ani nifa ayɛ kusuu.”