Numeri
17 Afei Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: 2 “Wo ne Israelfoɔ no nkasa na agyanom fie biara mu panin+ mma wo poma+ baako. Ne nyinaa bɛyɛ mpoma dumienu, sɛdeɛ wɔn agyanom fie teɛ. Na twerɛ obiara din wɔ ne poma ho. 3 Twerɛ Aaron din wɔ Lewifoɔ poma ho, ɛfiri sɛ abusuapanin biara de poma baako bɛba ama n’agyanom fie. 4 Fa ne nyinaa kɔgu Adanseɛ+ no anim wɔ ahyiaeɛ ntomadan no mu, baabi a meyi me ho adi kyerɛ mo+ no. 5 Na deɛ ne poma bɛfefɛ no, ɔno na mayi+ no. Yei bɛma anwiinwii bebrebe a Israelfoɔ nwiinwii tia me+ ne mo+ no abrɛ ase.”
6 Enti Mose ne Israelfoɔ no kasaeɛ, na wɔn mpanimfoɔ no nyinaa de wɔn mpoma maa no, ɔpanin biara poma baako, na ne nyinaa bɛyɛɛ mpoma dumienu, sɛdeɛ wɔn agyanom fie teɛ.+ Ná Aaron poma nso ka wɔn mpoma no ho.+ 7 Mose de mpoma no nyinaa bɛguu Adanseɛ+ ntomadan no mu wɔ Yehowa anim.
8 Afei adeɛ kyeeɛ a Mose kɔɔ Adanseɛ ntomadan no mu no, na Aaron poma a ɛyɛ Lewi fie deɛ no afefɛ agu nhwiren, na na aso ɔsonkoran aba ama no abere. 9 Na Mose de mpoma no nyinaa firii Yehowa anim bɛkyerɛɛ Israelfoɔ no, na obiara bɛhwɛ yii ne poma.
10 Afei Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: “San fa Aaron poma+ no kɔto Adanseɛ no anim, na ɛnyɛ sɛnkyerɛnne+ mma atuatefoɔ+ no na wɔankɔ so annwiinwii antia me, na wɔanwuwu.” 11 Na Mose yɛɛ deɛ Yehowa kaeɛ no ntɛm ara. Ɔyɛɛ saa pɛpɛɛpɛ.
12 Na Israelfoɔ no ka kyerɛɛ Mose sɛ: “Yei deɛ, yɛbɛwuwu, yɛbɛsɛe, yɛn nyinaa bɛsɛe.+ 13 Obiara a ɔbɛbɛn+ Yehowa ntomadan no bɛwu!+ Afei deɛ, yɛn awieeɛ nie?”+