2 Berɛsosɛm
35 Ɛnna Yosia+ dii twam+ afahyɛ maa Yehowa wɔ Yerusalem, na wɔkum twam dwan+ no bosome a ɛdi kan+ no da a ɛtɔ so dunan.+ 2 Na ɔde asɔfoɔ no sisii wɔn nnwuma so,+ na ɔhyɛɛ wɔn nkuran+ sɛ wɔnyɛ Yehowa fie adwuma+ no. 3 Afei ɔka kyerɛɛ Lewifoɔ a wɔkyerɛkyerɛ+ Israel nyinaa, wɔn a wɔyɛ kronkron Yehowa anim no sɛ: “Momfa Adaka kronkron+ no nkɔsi efie+ a Dawid ba, Israel hene Solomon siiɛ no mu; ɛnhia sɛ mosoa no mo mmatiri so bio.+ Afei monsom+ Yehowa mo Nyankopɔn ne ne man Israel. 4 Monsiesie mo ho abusuafie abusuafie,+ mo nkyekyɛmu+ so, sɛdeɛ Israel hene Dawid twerɛeɛ+ ne sɛdeɛ ne ba Solomon twerɛeɛ+ no. 5 Monnyinagyina+ kronkronbea hɔ mma mo nuanom, ɔman mma no, sɛdeɛ wɔn agyanom abusuafie teɛ,+ na Lewifoɔ agyanom nkyekyɛmu+ biara nnya ne deɛ. 6 Monkum twam+ dwan no, monnwira+ mo ho na monsiesie mo ho mma mo nuanom, na monyɛ sɛdeɛ Yehowa asɛm a ɔnam Mose so kaeɛ no teɛ.”+
7 Afei Yosia de nnwammaa ne mmirekyie nkumaa baa sɛ wɔmfa ne nyinaa mmɔ twam afɔdeɛ mma obiara a ɔwɔ hɔ, ɔman mma no nyinaa. Ne nyinaa dodoɔ sii mpem aduasa, ne anantwie mpem mmiɛnsa.+ Yei nyinaa firi ɔhene agyapadeɛ mu.+ 8 Ne mpanimfoɔ+ no nso firi wɔn pɛ mu de afɔrebɔdeɛ baa sɛ wɔmfa mmɔ twam afɔdeɛ mma ɔman no+ ne asɔfoɔ ne Lewifoɔ no. Hilkia+ ne Sakaria ne Yehiel, mpanimfoɔ a wɔwɔ nokorɛ Nyankopɔn fie hɔ nso de twam mmoa nkumaa mpem mmienu ahansia, ne anantwie ahasa maa asɔfoɔ no sɛ wɔmfa mmɔ twam afɔdeɛ. 9 Konania ne ne nuanom Semaia ne Netanel, ne Hasabia ne Yeiel ne Yosabad, Lewifoɔ mpanimfoɔ no, de twam mmoa nkumaa mpem nnum ne anantwie ahanum baa sɛ wɔmfa mmɔ twam afɔdeɛ mma Lewifoɔ no.
10 Enti wɔsiesiee ɔsom ho nneɛma no,+ na asɔfoɔ no gyinagyinaa+ wɔn gyinabea,+ na Lewifoɔ no gyinagyinaeɛ, wɔn nkyekyɛmu so+ sɛdeɛ ɔhene ahyɛdeɛ teɛ.+ 11 Na wɔkum twam dwan+ no, na asɔfoɔ+ no de mogya a wɔgyeeɛ no petepeteeɛ,+ na Lewifoɔ no nso dwaa+ mmoa no. 12 Afei nso wɔsiesiee ɔhyeɛ afɔdeɛ no de maa ɔman mma+ no sɛdeɛ wɔn agyanom+ nkyekyɛmu teɛ, sɛ wɔmfa nkɔ Yehowa anim+ sɛdeɛ wɔatwerɛ no Mose nwoma mu+ no; saa na wɔyɛɛ anantwie no nso. 13 Na wɔnoaa+ twam+ afɔrebɔdeɛ no wɔ gya so sɛdeɛ amanneɛ teɛ; akronkronneɛ no nso wɔnoaa+ no asɛn ne nkukuo ne nyowa mu, na wɔyɛɛ ntɛm de brɛɛ ɔman mma+ no. 14 Ɛno akyi no, wɔsiesiee bi maa wɔn ho ne asɔfoɔ+ no, ɛfiri sɛ asɔfoɔ no, Aaron mma no bobɔɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ+ na wɔhyee sradeɛ+ no kɔsii anadwo, enti Lewifoɔ no siesiee+ bi maa wɔn ho ne asɔfoɔ no, Aaron mma no.
15 Na Asaf+ mma nnwontofoɔ+ no kɔɔ wɔn nnwuma so sɛdeɛ Dawid+ ne Asaf+ ne Heman+ ne ɔhene dehunufoɔ+ Yedutan+ hyɛeɛ no, na apono ano ahwɛfoɔ+ no gyinagyinaa apono no nyinaa ano.+ Ná ɛho nhia sɛ wɔgyae wɔn nnwuma, ɛfiri sɛ wɔn nuanom Lewifoɔ no siesiee+ bi maa wɔn. 16 Wɔwiee Yehowa som ho nneɛma no nyinaa saa da no, na wɔdii twam+ no bobɔɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ Yehowa afɔrebukyia no so sɛdeɛ Ɔhene Yosia hyɛeɛ no.+
17 Enti Israelfoɔ a wɔwɔ hɔ no dii twam+ no saa berɛ no, na wɔdii paanoo a mmɔreka nnim afahyɛ no nso nnanson.+ 18 Ɛfiri odiyifoɔ Samuel berɛ soɔ no, na wɔnnii twam bi sɛ yei da wɔ Israel,+ na na Israel hene foforɔ biara+ nso nnii twam a ɛte sɛ deɛ Yosia ne asɔfoɔ ne Lewifoɔ no ne Yudafoɔ ne Israelfoɔ a wɔwɔ hɔ nyinaa ne Yerusalemfoɔ diiɛ no. 19 Yosia ahennie afe a ɛtɔ so dunwɔtwe mu na wɔdii twam yi.+
20 Yeinom nyinaa akyi, berɛ a Yosia siesiee fie no wieeɛ no, Egypt hene+ Neko+ bɛdii ako wɔ Karkemis,+ Eufrate ho. Na Yosia+ kɔɔ sɛ ɔne no de rekɔsi ani.+ 21 Ɛnna ɔsomaa abɔfoɔ kɔɔ ne nkyɛn sɛ: “Ɛdeɛn na me ne wo wɔ yɛ, Yuda hene? Ɛnyɛ wo so na mereba nnɛ, na efie foforɔ na me ne no rekɔko, na Onyankopɔn na aka akyerɛ me sɛ memma akomatuo mmra. Onyankopɔn a ɔka me ho nti, sɛ wopɛ no yie a san w’akyi, na mma no nnsɛe wo.”+ 22 Nanso Yosia annane amfiri ne ho,+ na ɔsakraa+ ne ho sɛ ɔne no rekɔko, na wantie Neko+ asɛm a ɛfiri Onyankopɔn anom no. Enti ɔkɔɔ Megido+ asasetamaa so ne no kɔkoeɛ.
23 Na agyantofoɔ+ too agyan kɔwɔɔ Ɔhene Yosia, na ɔhene no ka kyerɛɛ ne nkoa sɛ: “Monyi me nsi fam na wɔapira me pira bɔne.”+ 24 Enti ne nkoa no yii no firii teaseɛnam no mu kɔɔ ne ko teaseɛnam a ɛdi hɔ no mu de no kɔɔ Yerusalem.+ Saa na ɛyɛeɛ a ɔwuiɛ,+ na wɔsiee no n’agyanom asieeɛ.+ Yuda ne Yerusalem nyinaa suu+ Yosia. 25 Na Yeremia+ twaa Yosia ho kwadwom;+ ɛde bɛsi nnɛ, mmarima nnwontofoɔ ne mmaa+ nnwontofoɔ no nyinaa da so bɔ Yosia din wɔn kwadwom mu; abɛyɛ ahyɛdeɛ wɔ Israel, na wɔatwerɛ no kwadwom no mu.+
26 Yosia ho nsɛm a aka,+ adɔeɛ+ a ɔyɛeɛ sɛdeɛ wɔatwerɛ no Yehowa mmara+ mu, 27 ne ne ho nsɛm, ne mfitiaseɛ kɔsi n’awieeɛ+ no, wɔatwerɛ ne nyinaa wɔ Israel ne Yuda Ahemfo Nwoma+ no mu.