15 Monni paanoo a mmɔreka nnim nnanson. Na da a ɛdi kan no ara monyi mmɔreka biara mfiri mo afie mu, ɛfiri sɛ obiara a ɔbɛdi adeɛ a mmɔreka wom firi da a ɛdi kan kɔsi da a ɛtɔ so nson+ no, wɔbɛtwa ɔkra a ɔte saa afiri Israel.+
3 Di no nnanson, na mfa biribiara a emu aka nka ho.+ Fa paanoo a mmɔreka nnim, anaa ahoyera paanoo, ka ho di, ɛfiri sɛ wode ahoperɛ na ɛfirii Egypt asase so baeɛ.+ Na wo nkwa nna nyinaa wobɛkae da a wofirii Egypt no.+
21 Na Israelfoɔ a wɔbaa Yerusalem no de ahurisie kɛseɛ+ dii paanoo a mmɔreka nnim afahyɛ+ no nnanson, na Lewifoɔ+ ne asɔfoɔ+ no bɔɔ dwom dendeenden maa Yehowa da biara de yii Yehowa ayɛ.+
8 Enti mommma yɛmmfa mmɔreka+ dada anaa bɔneyɛ ne amumuyɔ+ mmɔreka+ nnhyɛ fa+ no, na mmom yɛmfa paanoo a mmɔreka nnim a ɛno ne adwenemteɛ ne nokorɛdie+ nhyɛ.