Efesofoɔ
1 Paulo, a ɔnam Onyankopɔn pɛ+ so yɛ Kristo Yesu somafoɔ,+ de kɔma akronkronfoɔ a wɔwɔ Efeso ne anokwafoɔ+ wɔ Kristo Yesu mu:+
2 Yɛn Agya Onyankopɔn ne Awurade Yesu Kristo adom+ ne asomdwoeɛ+ nka mo.
3 Nhyira nka yɛn Awurade Yesu Kristo Agya+ ne ne Nyankopɔn sɛ ɔde honhom fam nhyira nyinaa ahyira yɛn+ Kristo mu wɔ ɔsoro,+ 4 sɛdeɛ ɔyii+ yɛn kaa ne ho ansa na wɔrehyɛ wiase ase,+ sɛ yɛnyɛ kronn a dɛm+ biara nni yɛn ho Onyankopɔn anim wɔ ɔdɔ mu no.+ 5 Na ɔhyɛ too hɔ+ sɛ ɔnam Yesu Kristo so bɛgye yɛn+ aba ne nkyɛn sɛ mma+ sɛdeɛ ɔpɛ na ɛsɔ n’ani,+ 6 na ayɛ ayeyie+ ama n’animuonyam adom+ a ɔfiri ayamyɛ mu nam deɛ ɔdɔ no+ no so de adom yɛn no. 7 Ɛnam ne so na yɛanya ɔgyeɛ wɔ ne mogya+ mu, aane, yɛn mfomsoɔ ho fafirie+ sɛdeɛ n’adom+ mu ahonya no teɛ.
8 Yei na ɔmaa no boroo so maa yɛn wɔ nyansa+ ne nteaseɛ nyinaa mu, 9 kyerɛ sɛ, ɔmaa yɛhunuu ne pɛ ho ahuntasɛm kronkron.+ Ɛno na ɛsɔ n’ani sɛdeɛ ɔno ara abɔ ne tirim+ 10 sɛ berɛ no sõ+ a, ɔbɛdi nneɛma ho dwuma no,+ kyerɛ sɛ, ɔbɛka nneɛma nyinaa abom+ bio wɔ Kristo mu,+ deɛ ɛwɔ soro+ ne deɛ ɛwɔ asase soɔ.+ Aane, ne mu na ɔbɛka nneɛma nyinaa abom, 11 na ne mu nso na wɔayɛ yɛn adedifoɔ,+ sɛdeɛ deɛ ɔyɛ biribiara ma ɛne ne pɛ hyia no ahyehyɛ ato hɔ, n’atirimpɔ+ so, 12 sɛ yɛn a yɛadi kan anya Kristo mu anidasoɔ+ no mma no nnya n’animuonyam ho ayeyie.+ 13 Na mo nso berɛ a motee nokorɛ+ no, mo nkwagyeɛ+ ho asɛmpa no, monyaa ne mu anidasoɔ. Ne mu ara nso na berɛ a mogye diiɛ no, wɔsɔɔ mo ano,+ a ɛnam honhom kronkron+ a wɔhyɛɛ ho bɔ no so, 14 deɛ ɛyɛ agyapadeɛ+ a yɛn nsa bɛka no ho sɛnkyerɛnne no,+ a atirimpɔ no ne sɛ wɔbɛgye+ Onyankopɔn no ara nkurɔfoɔ+ de ayi no ayɛ animuonyam mu.
15 Yei nti na me nso berɛ a metee sɛ mowɔ Awurade Yesu mu gyidie na moda no adi kyerɛ akronkronfoɔ+ nyinaa no, 16 mennyaee mo ho aseda a mede ma no. Megu so ara bɔ mo din me mpaebɔ mu,+ 17 sɛ yɛn Awurade Yesu Kristo Nyankopɔn no, animuonyam Agya no, mma mo nyansa+ ne adiyie honhom berɛ a monya ne ho nokorɛ nimdeɛ+ no; 18 na berɛ a mo akoma ani+ ateɛ+ yi, moahunu anidasoɔ+ a ɔfrɛɛ mo baa mu no, animuonyam ahonyadeɛ+ a ɔde asi hɔ sɛ agyapadeɛ ama akronkronfoɔ+ no, 19 ne sɛdeɛ ne tumi+ kɛseɛ kyɛn so ma yɛn a yɛyɛ agyidifoɔ no. Saa ara na n’ahoɔden kɛseyɛ no yɛ adwuma,+ 20 deɛ ɔde dii dwuma berɛ a ɔnyanee Kristo firii awufoɔ mu+ na ɔde no tenaa ne nsa nifa+ wɔ soro+ no, 21 baabi a ɔkorɔn koraa sene aban ne tumi ne ahoɔden ne mpaninnie+ nyinaa, ne edin biara a wɔbɔ,+ ɛnyɛ berɛ yi mu+ nko, na mmom deɛ ɛreba+ no nso mu. 22 Ɔde nneɛma nyinaa nso guu ne nan ase,+ na ɔyɛɛ no nneɛma nyinaa ti+ maa asafo no; 23 ɛno ne ne nipadua,+ a deɛ ɔhyɛ adeɛ nyinaa mã+ no hyɛ no mã.+