Yesaia
26 Ɛda+ no wɔbɛto dwom+ wɔ Yuda asase so+ sɛ: “Yɛwɔ kuro a ɛyɛ den.+ Ɔde nkwagyeɛ ayɛ ɔfasuo ne akoban.+ 2 Mommue apono+ no mma ɔman tenenee a ɛdi nokorɛ no mmra mu.+ 3 Deɛ n’akoma si pi no, wode asomdwoeɛ bɛbɔ ne ho ban daa,+ ɛfiri sɛ ɔde ne ho ato wo so.+ 4 Momfa mo ho nto Yehowa so daa,+ ɛfiri sɛ Yah Yehowa mu na yɛn daa Botan+ wɔ.
5 “Wɔn a wɔte soro no, wabrɛ wɔn ase;+ kuro a ɛkorɔn no,+ wama no ahwe ase, ahwe fam, mfuturo mu.+ 6 Abrɛfoɔ nan bɛtiatia so, ahiafoɔ anammɔn.”+
7 Ɔteneneeni kwan yɛ tee.+ W’akwan tene, enti wobɛma ɔteneneeni kwan ayɛ tonomtonom.+ 8 O Yehowa, yɛn ani da wo so+ sɛ yɛbɛhunu w’atemmuo kwan. Yɛn kra ani agyina+ wo din ne wo nkaeɛ.+ 9 Ɛduru anadwo a, me kra ani gyina wo,+ na mede honhom a ɛwɔ me mu nyinaa hwɛ wo kwan,+ ɛfiri sɛ sɛ wobu asase atɛn+ a, asase sofoɔ nyinaa sua+ adetenenee.+ 10 Sɛ wɔdom ɔbɔnefoɔ mpo a, ɔrensua adetenenee.+ Tenenee asase so mpo, ɔbɛdi amumuyɔsɛm+ na ɔrenhunu Yehowa animuonyam.+
11 O Yehowa, woama wo nsa so,+ nanso wɔnhunu.+ Sɛ wɔhunu sɛdeɛ wode nnamyɛ di ma wo man a, wɔbɛfɛre.+ Aane, egya+ bɛmene w’atamfo. 12 Yehowa, wobɛbu asomdwoeɛ atɛn ama yɛn,+ ɛfiri sɛ yɛn nnwuma nyinaa woayɛ ama yɛn.+ 13 Yehowa yɛn Nyankopɔn, w’akyi no, atumfoɔ binom adi yɛn so sɛ yɛn wuranom.+ Nanso wo nko ara na yɛbɛbɔ wo din.+ 14 Wɔawuwu na wɔrentena ase bio;+ wɔyɛ awufoɔ+ na wɔrensɔre bio.+ Enti wode w’ani asi wɔn so sɛ wobɛsɛe wɔn na wɔn din ayera.+
15 Woama ɔman no adɔ ayɛ pii; Yehowa, woama ɔman no adɔ ayɛ pii;+ woahyɛ wo ho animuonyam.+ Woatrɛ asase no ahyeɛ nyinaa mu.+ 16 O Yehowa, berɛ a wɔhunuu amane no, wɔdane baa wo nkyɛn;+ berɛ a wotenee wɔn soɔ+ no, wɔbɔɔ mpaeɛ besebesee wɔn ano. 17 Yehowa, woama yɛayɛ sɛ ɔpemfoɔ a awoɔ aka no, ɔte awoɔ mu yea, ɔkyem na ɔkeka mu.+ 18 Yɛanyinsɛn, yɛate awoɔ mu yea,+ nanso ɛte sɛ deɛ yɛawo mframa. Yɛntumi mfaa nkwagyeɛ biara mmaa asase no so,+ na wɔnwoo obiara wɔ asase no so.+
19 “W’awufoɔ bɛnya nkwa.+ Na m’afunu bɛsɔre.+ Mo a mote mfuturo mu,+ monsɔre mmɔ ose! Wo bosuo+ te sɛ ɛfan+ ho bosuo, na asase bɛsan awo awufoɔ.+
20 “Me man, monkɔ mo mpia mu na montoto mu.+ Momfa mo ho nsie kakra nkɔsi sɛ abufuhyeɛ no bɛtwam.+ 21 Hwɛ, Yehowa firi ne tenabea reba, na ɔbɛma asase no sofoɔ abu wɔn bɔne ho akonta, bɔne a wɔayɛ atia no nyinaa.+ Na asase no bɛma ne mogyahwieguo+ ada adi, na ɛrenkata wɔn a wɔakum wɔn no so bio.”+