1 Berɛsosɛm 29:17 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 17 O me Nyankopɔn, menim sɛ wohwehwɛ m’akomam,+ na teeyɛ na ɛsɔ w’ani.+ Me deɛ, m’akomam teeyɛ mu na mayi me yam de nneɛma yi nyinaa ama, na wo man a wɔwɔ ha yi nso, wɔayi wɔn yam de nneɛma aboa ama m’ani agye. Hiob 1:1 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 1 Ɔbarima bi tenaa Us+ asase so a wɔfrɛ no Hiob;+ ná ɔyɛ onipa a ne ho nni asɛm,+ na ɔtene;+ ná ɔsuro Nyankopɔn,+ na ɔtwe ne ho firi bɔne ho.+ Dwom 18:24 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 24 Ma Yehowa ntua me ka sɛdeɛ me tenenee teɛ;+Sɛdeɛ me nsa ho teɛ wɔ n’anim no, ɔntua me ka.+ Mmebusɛm 20:7 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 7 Ɔteneneeni nam ne mũdie* mu.+ Anigyeɛ ne ne mma a wɔbɛba wɔ n’akyi.+
17 O me Nyankopɔn, menim sɛ wohwehwɛ m’akomam,+ na teeyɛ na ɛsɔ w’ani.+ Me deɛ, m’akomam teeyɛ mu na mayi me yam de nneɛma yi nyinaa ama, na wo man a wɔwɔ ha yi nso, wɔayi wɔn yam de nneɛma aboa ama m’ani agye.
1 Ɔbarima bi tenaa Us+ asase so a wɔfrɛ no Hiob;+ ná ɔyɛ onipa a ne ho nni asɛm,+ na ɔtene;+ ná ɔsuro Nyankopɔn,+ na ɔtwe ne ho firi bɔne ho.+