Dwom
NWOMA A ƐTƆ SO MMIENU
Wɔde ma dwonkyerɛfoɔ. Kora+ mma Maskil.*
2 Ampa ara, Onyankopɔn ho sukɔm de me kra,+ Onyankopɔn teasefoɔ no.+
Da bɛn na mɛkɔ akɔgyina Onyankopɔn anim?+
4 Mekae saa nneɛma yi, na awerɛhoɔ hyɛ m’akoma ma.*+
Ɛfiri sɛ me ne asafokuo no boom,
Medii wɔn anim ne wɔn nantee komm kɔɔ Onyankopɔn fie,+
Yɛde ahurisi dwom ne aseda nne kɔɔ+
Sɛ nnipakuo a wɔrehyɛ fã.+
5 Me kra, adɛn nti na woabotoɔ?+
Na adɛn nti na wontumi nyɛ komm me mu?+
Twɛn Onyankopɔn,+
Na mɛkamfo no bio sɛ me nkwagyeɛ kɛseɛ.+
6 O me Nyankopɔn, me kra aboto wɔ me mu.+
Ɛno nti na mekae woɔ,+
Yordan asase ne Hermon mmepɔ so,+
Bepɔ ketewa no.+
9 Mɛbisa Onyankopɔn, me botan no sɛ:+
“Adɛn nti na wo werɛ afiri me?+
Adɛn nti na mede awerɛhoɔ nanteɛ, atamfo nhyɛsoɔ nti?”+