2 Berɛsosɛm
25 Amasia+ bɛdii hene no, na wadi mfeɛ aduonu nnum, na ɔdii adeɛ mfeɛ aduonu nkron wɔ Yerusalem. Ne maame din de Yehoadan+ a ɔfiri Yerusalem. 2 Na ɔyɛɛ deɛ ɛtene Yehowa ani so,+ nanso n’akoma anni mũ.+ 3 Berɛ a ahennie no yɛɛ den ne nsam ara pɛ na ɔkunkum+ ne nkoa+ a wɔkum ne papa, ɔhene no.+ 4 Wɔn mma deɛ, wanku wɔn, na mmom ɔyɛɛ deɛ wɔatwerɛ no Mose mmara nwoma+ no mu sɛdeɛ Yehowa hyɛeɛ yi: “Mommma agyanom nnwu deɛ wɔn mma ayɛ ho,+ na mommma mma nnwu deɛ wɔn agyanom ayɛ ho;+ obiara nwu ne bɔne ho.”+
5 Na Amasia boaboaa Yuda ano, na ɔmaa wɔgyinagyinaa sɛdeɛ wɔn agyanom abusuafie+ teɛ, apem apem so ahwɛfoɔ+ ne ɔha ha so ahwɛfoɔ+ a wɔfiri Yuda ne Benyamin nyinaa; na ɔtwerɛtwerɛɛ wɔn a wɔadi mfeɛ aduonu+ rekorɔ no din, na ɔnyaa mmarima akantinka a wɔde mpea+ ne akyɛm+ kɔ ɔsa mpem ahasa. 6 Afei ɔde dwetɛ dwetikɛseɛ ɔha kɔbɔɔ Israel mmarima akokoɔdurofoɔ a wɔn ho yɛ den mpem ɔha paa. 7 Nanso Onyankopɔn nipa+ bi bɛka kyerɛɛ no sɛ: “O ɔhene, mma Israel asraafoɔ mmmɛka wo ho ɛfiri sɛ Yehowa nka Israel,+ Efraim mma no ho. 8 Wo nko ara kɔ, nya akokoɔduro ɛko no mu na keka wo ho.+ Nokorɛ Nyankopɔn deɛ, ɔbɛtumi ama woahwe ase ɔtamfo anim, ɛfiri sɛ Onyankopɔn wɔ tumi a ɔde boa,+ na ɔwɔ tumi a ɔde ma obi hwe aseɛ.”+ 9 Ɛnna Amasia+ bisaa Onyankopɔn nipa no sɛ: “Na dwetikɛseɛ ɔha a mede ama Israel asraafoɔ no nso ɛ?”+ Na Onyankopɔn nipa no kaa sɛ: “Yehowa bɛtumi ama wo deɛ ɛkyɛn saa koraa.”+ 10 Enti Amasia yiyii asraafoɔ a wɔfiri Efraim baeɛ no firii mu, na ɔmaa wɔkɔɔ wɔn kurom. Nanso wɔn bo fuu Yuda kɛse, na abufuo na wɔde kɔɔ wɔn kurom.+
11 Amasia deɛ, ɔnyaa akokoɔduro, na ɔdii ne man anim kɔɔ Nkyene Bɔn+ no mu; na ɔkunkum Seir+ mma no mu nnipa mpem du.+ 12 Na Yuda mma kyee wɔn mu mpem du anikan, na wɔde wɔn kɔɔ ɔbotan bi so kɔtoo wɔn firii hɔ bɛhwehwee fam, na wɔn nyinaa mu paepaeeɛ.+ 13 Na asraafoɔ a Amasia maa wɔsan wɔn akyi a ɔne wɔn ankɔ ɛko+ no, wɔn nso kɔto hyɛɛ Yuda nkuro so, ɛfiri Samaria+ kɔsi Bet-Horon,+ na wɔkunkum emu nnipa mpem mmiɛnsa faa asadeɛ bebree kɔeɛ.
14 Berɛ a Amasia kɔkunkum Edomfoɔ wieeɛ a ɔreba no, ɔfaa Seir mma anyame+ no baeɛ, na ɔde bɛsisii hɔ de yɛɛ n’anyame;+ wɔn na ɔkotoo wɔn,+ na wɔn na ɔhyee afɔrebɔdeɛ maa wɔn.+ 15 Ɛno nti Yehowa bo fuu Amasia dendeenden, na ɔsomaa odiyifoɔ kɔɔ ne nkyɛn kɔka kyerɛɛ no sɛ: “Adɛn nti na woakɔdi+ nkurɔfoɔ no anyame+ akyi, anyame a wɔantumi annye wɔn ara nkurɔfoɔ amfiri wo nsam no?”+ 16 N’ano sii ara pɛ na ɔhene no ka kyerɛɛ no sɛ: “Wo na yɛayi wo sɛ ɔhene fotufoɔ anaa?+ Sɛ wompɛ wo ho asɛm a, twa so.+ Adɛn nti na worebɛyɛ ama wɔaku wo kwa?” Ɛnna odiyifoɔ no twaa soɔ, nanso ɔkaa sɛ: “Menim sɛ Onyankopɔn abɔ ne tirim sɛ ɔbɛsɛe wo,+ enti na woayɛ yei+ na m’afotuo nso woantie no.”+
17 Ɛnna Yuda hene Amasia tuu agyina na ɔsoma kɔɔ Yehu ba Yehoahas ba, Israel hene Yehoas nkyɛn+ kɔka kyerɛɛ no sɛ: “Bra ma yɛmfa mmɔ ani.”+ 18 Na Israel hene Yehoas nso soma kɔka kyerɛɛ Yuda hene Amasia sɛ:+ “Lebanon nkasɛɛ-nkasɛɛ soma kɔka kyerɛɛ Lebanon tweneduro+ sɛ, ‘Fa wo babaa ma me babarima nware.’+ Nanso, Lebanon wuram aboa+ bi a ɔretwam tiatiaa nkasɛɛ-nkasɛɛ no so kuu no. 19 Wose woaka Edom agu,+ enti w’akoma+ ama ne ho so rehoahoa ne ho.+ Hwɛ so tena wo fie.+ Adɛn nti na ɛsɛ sɛ wodi aperepereɛ berɛ a wonni ahoɔden,+ na wo ne Yuda nyinaa hwe aseɛ?”+
20 Nanso Amasia antie, ɛfiri sɛ na nokorɛ Nyankopɔn+ pɛ sɛ wɔdi nkoguo ne nsam, Edom anyame a wɔkɔdii wɔn akyi+ no nti. 21 Enti Israel hene Yehoas kɔeɛ,+ na ɔne Yuda hene Amasia de kɔbɔɔ ani+ wɔ Bet-Semes,+ Yuda asase so. 22 Na Yuda dii nkoguo wɔ Israel anim+ maa obiara dwane kɔɔ ne ntomadan mu.+ 23 Na Yuda hene Amasia, Yehoas ba, Yehoahas ba no deɛ, Israel hene Yehoas kyee no+ Bet-Semes de no baa Yerusalem,+ na ɔbɛbuu Yerusalem fasuo no guu mu, ɛfiri Efraim Pono+ ano kɔsi Ntwea Pono+ no ano, basafa ahanan. 24 Ɔsesaa sika ne dwetɛ ne nneɛma a ɛwɔ Nyankopɔn fie nyinaa ne Obed-Edom+ ne ahemfie hɔ akoradeɛ,+ na ɔfaa ebinom nnommum kaa ho san kɔɔ Samaria.+
25 Israel hene Yehoas,+ Yehoahas ba no wuo akyi no, Yuda hene Amasia,+ Yehoas ba no, tenaa ase mfeɛ dunum kaa ho.+ 26 Amasia ho nsɛm a aka, ne mfitiaseɛ kɔsi n’awieeɛ,+ hwɛ, wɔatwerɛ ne nyinaa wɔ Yuda ne Israel Ahemfo Nwoma+ no mu.+ 27 Na ɛfiri da a Amasia dane firii Yehowa ho no, wɔbɔɔ ne ho pɔ+ Yerusalem. Akyire yi, ɔdwane kɔɔ Lakis,+ nanso wɔsoma tĩĩ no Lakis kɔkuu no wɔ hɔ.+ 28 Enti wɔde no too apɔnkɔ so+ bɛsiee no kaa n’agyanom ho wɔ Yuda kuro mu.+