51 Wɔwiee+ Yehowa fie adwuma a Solomon yɛeɛ no nyinaa, na Solomon de nneɛma a ne papa Dawid yɛɛ no kronkron no baeɛ;+ ɔde sika ne dwetɛ ne anwenneɛ no nyinaa bɛguu Yehowa fie adekora adan no mu.+
18 Ɛnna Asa faa Yehowa fie ne ahemfie akoradeɛ mu dwetɛ ne sika a aka nyinaa de hyɛɛ n’asomfoɔ nsam, na Ɔhene Asa somaa wɔn kɔɔ Tabrimon ba Hesion ba, Siria hene+ Ben-Hadad+ a ɔte Damasko+ no nkyɛn kɔka kyerɛɛ no sɛ:
9 Enti Egypt hene Sisak+ baa Yerusalem so, na ɔfaa Yehowa fie akoradeɛ+ ne ahemfie hɔ akoradeɛ+ no. Ɔfaa biribiara; ɔfaa sika akyɛm a Solomon yɛeɛ no+ nso.